Bawku Central (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bantama
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKumasi Metropolitan
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPDaniel Okyem Aboagye

Bawku Central(About this soundpronunciation of"Bawku Central")  yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Bawku Central wɔ Bawku mansini adantam a ɛwɔ apueɛ do mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpesua no akonnwa no hyɛ Bawku mansini adantam a ɛwɔ apueɛ do mantam wɔ Ghana mu.Ɛnam mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no nti, wɔyii Pusiga mansini ɛfiri Bawku Central mpesua na ɛnkane wɔfrɛ no Bawku East mansini. Mpesua no a ɛwɔ hɔ seisei no sua kyɛn nea na ɛwɔ hɔ ansana wɔreto mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no (2004) abatoɔ no.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Mmarahyɛbadwanii a ɔte akonnwa no so seisei no Mahama Ayariga a wɔtoo no so aba wɔ ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu nom(December, 2020). Na Ayariga yɛ Ghana mmarahyɛbedwanii ma Bawku Central firi mfeɛ mpem mmienu ne num(2005) nom nanso ɔdii ntwo wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) abatoɔ nom maa Adamu Dramani Sakande a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu faa akonnwa no. Akonnwa no bɛdaa hɔ pann wɔ aberɛ Adamu dii nyammrasɛm a wɔkyerɛ no tum sɛ wagyina hɔ ama yato aba ama no wɔ berɛ ɔyɛ ɔman ba wɔ ɔman foforɔ so a ɛtia Ghana amammra nom. Ayariga sane bɛnyaa n'akonnwa no biom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana abatoɔ nom. Wayi ama no abɛyɛ mmarahyɛbedwanii ama mpesua no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan, nsia, nson ne nnwɔtwe wɔ Ghana mmarahyɛbedwa wɔ Ghana asɛnnibea kɛseɛ (Supreme Court)) de Adamu Draamani Sakande tomm sɛ wɔde nsɛm bi a ɛnnyɛ nokware abɛto dwa wɔ kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (27 july,2012). Wei nso di asɛm bi a Mr Sumaila Biebel, a ɔhwɛ anantwie so de baa "hight Court" wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron(2009) mu sɛ Dramani wɔ aman mmienu "British ne Burkinabé" nkrataa ɛtumi ma no tu kwan nni ɔntumi nyina sɛ mmarahyɛbedwanii.[2]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no, Hawa Yakubu a ɔnni amanyɔkuo biara no petee Bawku Central mpesua akonnwa no. Fati Seidu a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso peree akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Hawa Yakubu de ne ho kɔbɔɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress peree mpesua no akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) nom. Ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress de nnipa foforɔ baeɛ ma no bɛperee akonnwa no a wɔfrɛ no Mahama Ayariga. Adamu Dramani Sakande a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe n(2008). Mahama Ayariga a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane bɛperee akonnwa no biom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) ɛna mfeɛ mpem ne du nsia (2016) mu.

First Elected Member Party
1969 Walter Horace Kofi-Sackey Progress Party
1992 Ofori Owusu Jibreel National Democratic Congress
1996 Richard Winfred Anane New Patriotic Party
2004 Cecilia Abena Dapaah New Patriotic Party
2012 Henry Kwabena Kokofu New Patriotic Party
2016 Daniel Okyem Aboagye New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no, nnipa num na ɛgyina maa mpɛsoa no. Adamu Dramani a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu no nyaa mma mpem aduonu, ɔha ne aduonum nson (20,157) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum mmiɛnsa akyirepɔ nan(53.4). Mahama Ayariga a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem du nson, ahasa ne aduowɔtwe num(17, 385) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ baako(46.1). Democratic freedom party anamusini Alhaji Imoro Yaro-N-Kano nyaa aduoson baako(71) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1). People's National convention anamusinii Amidu Alhaji Mamudu Sisaka nyaa aduonum nan(54) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1). Rodalin Imoru Ayarna a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa aduonum mmienu (52) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no, nnipa nsia na ɛperee mpesua no akonnwa no. Mahama Ayariga a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma du nnwɔtwe, ahanum ne du nnwɔtwe (18,518) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe akyirepɔ nsia(48.6). Abubakar Ustarz a ɔnni amanyɔkuo biara mu no nso nyaa mpem nnwɔtwe, ahanum ne aduoson nan(8,574) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu mmienu akyirepɔ num (22.5). Mma ahasa ne aduonum mmiɛnsa (353) a ɛyɛ akyirepɔ nkron (0.9) na Tiaban Kunduma a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's National nyaeɛ. Amidu Mahama a ɔwɔ people's National convention nyaa ahasa ne aduasa mmiɛnsa (333) a ɛyɛ akyirepɔ nkron (0.9). Ɔha ne aduosia baako (161) a ɛyɛ akyirepɔ nan(0.4) na Sadat Amadu a ɔnni amanyɔkuo biara nyaeɛ.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Bawku Central no, nnipa num na ɛperee mpesua no akonnwa no. Hawa Yakubu a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduonu mmienu, ahaasa ne aduasa num(22,335) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe akyirepɔ nsia(48.6). Fati Seidu a ɔno nso wɔ Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem aduonu baako, ahanan ne aduosia baako (21,461) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ nson(46.7). People's National convention anamusini Abdul k. Yussif nyaa apem,ahanu ne aduasa nkron (1,239) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ nson(2.7). United Ghana Movement anamusini Hadi Melayia nso nyaa mma ahanum ne num (505) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ baako (1.1). Yakubu S Kundiima a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma ahanan ne aduonum baako (451) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako(1.0).6

2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Bantama
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Cecilia Abena Dapaah 36,708 75.7
Independent Nana Osei Akoto-Kuffour 7,007 14.5
National Democratic Congress Osei-Tutu Richard 2,667 5.5
Reformed Patriotic Democrats Eunice Owusu-Ansah 1,641 3.4
Independent Stephen Kwaku Saahene 443 0.9
Abatoɔ dodoɔ 29,701 61.2
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Elections 2004 - Ghana's Parliamentary and Presidential Elections" (PDF). Electoral Commission of Ghana and Friedrich Ebert Foundation. November 2005. Retrieved 2010-08-23.
  2. MP found guilty of forgery, jailed for two years". General news. Ghana Home Page. 27 July 2012. Retrieved 30 July 2012.