Ahafo Ano South East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ahafo Ano South East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAhafo-Ano South Mansini
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2016
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPFrancis Manu-Adabor

Ahafo Ano South East (About this soundpronunciation of "Ahafo Ano South East" ) yɛ mpɛsoa no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa no mu a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Ahafo Ano South wɔ Ahafo Ano South mansini a ɛwɔ Asante mantam no mu wɔ Ghana. Ahafo Ano South East abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua afoforɔ afoforɔ a abatoɔ kɔmisa no tetee a ɛnkyɛeɛ no bi.

Ɛhyeɛ[sesa]

Ahafo Ano South East abatoɔ Akonnwa no wɔ Ahafo Ano South a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana. Saa mpɛsoa no ka mpɛsoa foforo a wɔte no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana abatoɔ no mu. Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Ahafo Ano South East abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Ahafo Ano South West abatoɔ mpesua, Ahafo Ano north abatoɔ mpesua ne deɛ ɛkeka ho.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Ahafo Ano South East abatoɔ mpesua no mpesua foforɔ nti, nipa baako pɛ na watena saa mpesua yi mmarahyɛbadwam akonnwa no so. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party ananmusini owura Francis Manu Adabor ne ɔdii nkunim wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Amannyɔkuo ahodoɔ a wɔde wɔn nnipa bae sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ ma Ahafo Ano South East abatoɔ mpesua no bi ne NDC kyiniiɛ amannyɔkuo a owura Chris Boadi-Mensah na na ɔyɛ wɔn ananmusini, ɛne convention peopele's party, CPP a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de owura Awini Zechariah na ɛbɛgyinaeɛ.

Bere Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
2016 Francis Manu-Adabor New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mmarahyɛbedwam abatoɔ: Ahafo-Ano South East.[1]

wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia mmarahyɛbedwam akonnwa no abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ahafo Ano South East abatoɔ mpesua so no, Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de owura Francis Manu Adabor na ɛbɛgyinaa wɔn anan mu wɔ abatoɔ no mu, abatoɔ no baa awieɛ no, na owura Francis Manu Adabor anya mma no mu Mpem du nan, ɔha ne aduokron nnwɔtwe (14,198), a sɛ yɛdekɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe ne akyirpɔ aduonwɔtwe nan (54.84%). owura Francis Manu Adabor de mma Mpem du nan, ɔha ne aduokron nnwɔtwe (14,198) na ɛdii nkunim wɔ mpesua no so.

NDC amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne kyiniiɛ no nso de owura Chris Boadi-Mensah na ɛbɛgyinaa wɔn anan mu wɔ Ahafo-Ano South East mpesua no mmarahyɛbedwam akonnwa no abatoɔ no mu. Abatoɔ no nyinaa baa awieɛ no na, owura Chris Boadi-Mensah anya mma no mu Mpem du baako, aha nsia ne aduanan (11,640), a yɛdekɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, owura Chris Boadi-Mensah nyaa Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe ne akyirpɔ aduonwɔtwe nan (44.96%). owura Chris Boadi-Mensah mma Mpem du baako, aha nsia ne aduanan (11,640) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ abatoɔ no mu wɔ mpesua no so.

Amannyɔkuo a ɔtɔ so mmiensa a ɔde ne nipa bɛgyinaa mu bio sɛ yɛnto ne so aba ma no mmɛyɛ mmarahyɛbadwani ne convention people's party a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no. CPP amannyɔkuo no de owura Awini Zachariah na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na owura Awini Zachariah abɔ ne ho mmɔden anya mma no mu aduonum nan (54), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma hwee ne kyirepɔ aduonu baako (0.21%). owura Awini Zachariah de mma aduonum nan (54) na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ no mu wɔ Ahafo Ano South East mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no.

2016 Ghanaian mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ahafo-Ano South East
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Francis Manu-Adabor 14,198 54.84
National Democratic Congress Chris Boadi-Mensah 11,640 44.96
Convention People's Party Awini Zechariah 54 0.21
Abatoɔ dodoɔ 2,558 9.88

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Parliamentary Results Ahafo Ano South (Ashanti Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2018-03-12.
  1. "Parliamentary Results Ahafo Ano South (Ashanti Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2018-03-12.