Kumawu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kumawu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniSekyere Afram Plains District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPPhilip Basoah

Kumawu(About this soundsɛnea yɛbɔ "Kumawu" ) yɛ mpɛsoa baako a ɛwɔ mmrahyɛbɛdwam fie wɔ Ghana. Wɔ yi anamusini sɛ ɔkɔ si wɔn anan sɛ mmrahyɛbɛdwamni berɛ a wɔ tɔ aba ɛdi kan wɔ mpɛsoa no mu.

Kumawu wɔ sekyere Afram plain mansin a ɛwɔ Asante MantamGhana.

Ɛhyeɛ.[sesa]

Akonwa no wɔ sekyere Afram Plain mansin a ɛwɔ Asante Mantam ɛwɔ Ghana.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Ɛwɔ afe mpem mmeinu ne du-nsia (2016) abatoɔ no mu philip Basoah a ɔfiri ɔsono amanyɔkuo (NPP) na ɔnya adwa no.

Ɛwɔ afe mpem mmeinu ne du-mmienu (2012) abatoɔ no mu no Philip Basoah a ɔfiri ɔsono amanyɔkuo(NPP) na ɔnya adwa no.

Ɛwɔ afe mpem mmeinu ne nnwɔtwe (2008) abatoɔ no mu no Yaw Baah a ɔfiri ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mu na ɔnya adwa no.

Ɛwɔ afe mpem mmeinu ne nan (2004) abatoɔ no mu Yaw Baah a ɔsane firi ɔsono amanyɔkuo(NPP) no mu na ɔnya adwa no.

Ɛwɔ afe mpem mmeinu (2000) no mu no Reo Addai Basoah a ɔfiri ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mu na ɔnya adwa no na noa nso na ɔtena akongua no so afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996).

Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ afe mpem mmienu ne du-sia (2016) wɔ Ghana mmrahyɛbɛdwafoɔ abatoɔ wɔ kumawu no.[1][sesa]

Philip Basoah a ɔgyina ma Osono amayɔkuo (NPP) no nya mma mpem aduonu-baako ahanson ne aduokron nan (21,794) a agyina hɔ ma ɔha aduoson nnwɔtwe akyiri pɔ du nson (78.17%).

Emmanuel William Amoako a ɔno nso firi kyineɛ amayɔkuo (NDC) no nso nya mma mpem num ahannwɔtwe ne aduokron nkron (5,899) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu bako akyiri pɔ du-nsia (21.16%).

Opoku kyei Clliford a ɔfiri akɔko amayɔkuo (CPP) nso nya mma ɔha ne aduowɔtwe nnwɔtwe (188) a agyina hɔ ma hwii akyiri pɔ aduosia nson (0.67%).

Mmrahyɛbɛdwafoɔ abatoɔ wɔ kumawu wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no.[2][sesa]

Philip Basoah a ɔgyina ma Osono amayɔkuo (NPP) no nya mma mpem dunnwɔtwe ahanwɔtwe ne aduonum nnwɔtwe (18,858) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nnwɔtwe akyiri pɔ aduokron nsia (68.96%).

Asiamah Samuel nso a ɔgyina ma kyineɛ amayɔkuo (NDC) no nso nya mma mpem nan ɔha ne aduonan mmienu (4,142) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunum akyiri pɔ dunum (15.15%).

Dominic Oteng a ɔgyina ma IND amayɔkuo no nso nya mma mpem mmiensa ahankron ne aduokron baako (3,991) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma du-nan akyiri pɔ aduonum nkron (14.59%)

Collins Kumi Boateng a ɔgyina ma PPP amayɔkuo no nso nya mma ahasa ne bako (301) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma baako akyiri pɔ du (1.10%).

Asante Issac a ɔgyina ma PNC amayɔkuo no nya mma aduonum mmiensa (53) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu hwii akyiri pɔ du-nkron (0.19%)

Yaw Opoku Mensa a ɔgyina ma NDP ne John Agyemang Badu a ɔgyina ma PPP no anya hwee.

Mmrahyɛbɛdwafie abatoɔ wɔ kumawu wɔ afe mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) mu no.[3][sesa]

Yaw Baah a ɔgyina mu ma Ɔsono amayɔkuo (NPP) no nya ɛmma mpem dunum ahanu ne dunson (15,217) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nsia akyiri pɔ aduosia nwɔtwe (56.68%).

Dominic Oteng nso a ɔgyina hɔ ma IND amayɔkuo nso nya mma mpem nson ɔha ne aduonu (7,120) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nsia akyiri pɔ aduasa nnwɔtwe (26.38%)

Ohene Akwasi Agyemang a ɔgyina ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no nso nya mma mpem nan ahanu ne aduoson nnwɔtwe (4,278) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunum akyiri pɔ aduowɔtwe num (15.85%).

Kofi Adu Poku a ɔgyina ma CPP amanyɔkuo no nya mma ɔha ne aduokron nkron (199) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu hwi akyiri pɔ aduoson nan (0.74%).

Yaw Opoku Mensa a ɔgyina ma DFP amanyɔkuo no nya mma ɔha aduoson nan (174) a agyina hɔ ma hwi akyiri pɔ aduosia nan (0.64%).

Ɛwɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ wɔ kumawu no.[4][sesa]

Yaw Baah a ɔgyina ma Osono amayɔkuo (NPP) no nyaa mma mpem dunkron ahanu ne aduonu mmiɛnsa (19,223) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson akyiri pɔ ohunu (70.0%).

George Amankwaa a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem num ahansia ne aduowɔtwe (5,680) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu akyiri pɔ aduoson (20.70%).

Kofi Adu Poku a na ɔyɛ anamsini de ma Akokɔ amanyɔkuo (CPP) no nyaa mma apem ahanwɔtwe ne aduasa baako (1,831) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nsia akyiri pɔ aduoson (6.70%).

Patrick Osei Aboagye a na ogyina mu ma IND amanyɔkuo no nyaa mma ahanum ne aduonum nsia (556) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu akyiri pɔ ohunu (2.0%).

Yaw Opoku Mensah a na ogyina mu de ma GCPP amanyɔkuo no nyaa mma ɔha ne aduowɔtwe nson (187) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduoson (0.70%).

Mfe mpem mmienu (2000) Ghanaman mmarahyɛbadwam abatoɔ: Kumawu

Babia menyaa firiiɛ: Peacefmonline[5]

Reo Addai Basoah a na ogyina mu de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa ahanum ne aduonum nan (13,554) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nson akyiri pɔ aduowɔtwe (57.80%).

Opanin Kwame Adu a na ogyina mu de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma mpem nsia ne aduonum nson (6,057) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu num akyiri pɔ aduowɔtwe (25.80%).

Kingsford O. Boateng a na ogyina mu de ma IND amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma mpem mmiɛnsa ɔha ne aduonu nkron (3,129) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dummiɛnsa akyiri pɔ aduanan (13.40%).

Bannor B. Augustine a na ɔyɛ anamsini de ma NRP amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma ahanu ne aduoson mmiɛnsa (273)a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ aduonu (1.20%)

Okra Frimpong a an ɔyɛ anamsini de ma CPP amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma ɔha ne aduowɔtwe nsia (186) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduowɔtwe (0.80%).

James Yaw Owusu a na ogyina mu ma PNC amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no so nyaa mma ɔha ne aduasa nwɔtwe (138) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduosia (0.60%).

Osei Bonsu Thompson a na ogyina mu de ma UGM amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma ɔha (100) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduanan (0.40%).

Mfe mpem dunkron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman mmarahyɛbadwam abatoɔ: Kumawu

Babia menyaa firiiɛ:Peacefmonline[6]

Reo Addai Bosoah a na ogyina mu ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nyaa mma mpem dunum ne aduonu num (15,025) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nkron akyiri pɔ aduosia (49.60%)

Jargisu Ibrahim a na ogyina mu ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem nkron ahasa ne aduonum nan (9,354) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa akyiri pɔ aduokron (30.90%)

Ernest Boakye Yiadom a na ogyina mu de ma PNC amanyɔkuo no nyaa mma ahanum ne aduasa mmienu (532) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri aduowɔtwe (1.80%).

Hwɛ bio[sesa]

  • List of Ghana Parliament constituencies
  • List of political parties in Ghana

Babia menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Close [1] FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-11.
  2. [2] FM, Peace. "Ghana Election 2012 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-12.
  3. [3] FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-26.
  4. [4] FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-11.
  5. [5] FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-26.
  6. [6] FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Kumawu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-26.