Akwasi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akwasi
male given name
native labelAkwasi Sesa
writing systemLatin script Sesa
SoundexA220 Sesa
Cologne phonetics0438 Sesa
CaverphoneAKWS11 Sesa

Akwasi(About this soundpronunciation of "Akwasi" ) yɛ Akanfoɔ din a yɛ de ma abɔfra bɛrima yawo no Kwasiada.[1] Wɔ Akanfoɔ mu no,ɛsɛ sɛ obibiara a yawo no da bi no, ɛwɔ sɛ ɔdan suban a ɛwɔ ɛda no mu adi. Akwasi mmaa din a yɛde ma ɔbaa a yawo no Kwasiada yɛ Akosua.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, ɛnna din no, yɛhu no sɛ yɛnya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Akwasi firii edin "Koyasi" mu a ɛkyerɛ "Nkwa Nyame a ne ho te" wɔ ɛda Kwasiada mu. Mmɛrema a yɛ wo wɔn Kwasiada no, wɔn tumi bɛyɛ nipa titiriw paa wɔ Ɔman mu. Ɛna wɔn san so yɛ Obueakwanfoɔ. Wɔyɛ mfiifii mu. Akwasi mmrane ne Bodua anaa Obueakwan.[2] Wei no, ɛkyerɛ sɛ mmɛrema a wɔn de Akwasi no, wɔn tumi kɔ wɔn anim ntɛm wɔ biribiara mu.[3]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no[sesa]

Sɛ yɛ sesa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ no mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Asante ne Akuapem mu no, yɛ twerɛ din no Akwasi anaa Kwasi ɛnna Fantefoɔ nso frɛ no Kwesi. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Akwasi mmaa din a yɛde ma ɔbaa a yawo no Kwasiada yɛ Akosua.

Akan kasa Mmɛrema din Mmaa din
Asante Akwasi Akosua
Akuapem Akwasi Akosua
Fante Kwesi Esi

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no[sesa]

Ghanafoɔ nkɔdaa pii no, wɔn awoda din ka wɔn aborɔfo din ho. Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin de Akwasi no ye:

  • Akwasi Quakeye Oduro[4]
  • Akwasi Osei "Lloyd" Owusu[5]
  • Akwasi Boadi[6]
  • Akwasi Afrifa[7]
  • Akwasi Fobi-Edusei[8]
  • Akwasi Osei-Adjei[9]
  • Kwasi Konadu[10]

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu[sesa]

  1. https://theculturetrip.com/africa/ghana/articles/everything-you-need-to-know-about-the-ghanaian-tradition-of-day-names/
  2. https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  3. https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  4. http://www.babynology.com/ghana-mcelebrityakwasi.html
  5. http://www.babynology.com/ghana-mcelebrityakwasi.html
  6. https://www.sportbible.com/football/football-news-funny-reactions-take-a-bow-fans-are-loving-akwasi-boadis-score-announcements-20201119
  7. https://fmsppl.com/list-of-people/named-akwasi/
  8. Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-23{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://fmsppl.com/person/Akwasi_Osei-Adjei
  10. https://scholar.google.com.br/citations?user=cklySWMAAAAJ&hl=en