Gaana

Ɛfi Wikipedia

Ghana

Ahenkuro Accra
Mpɔtɛm 238,535 km²
Nnipa dodoɔ 32,103,042 ab. (2022)

Ghana anaa Gaana yɛ ɔman bi a ɛwɔ Abibiman atɔeɛ mantam hɔ. Aman a atwa ne ho ahyia no bi ne Côte d’Ivoire (ɛno wɔ atɔe fam), Burkina Faso (ɛno wɔ atifi fam), Togo (ɛno wɔ apue fam) ɛna Gulf of Guinea no wɔ anaafoɔ. Edin Ghana no kyerɛ “Ɔko mu Hene” na wɔnyaa saa din no fii tete Ghana Empire no mu.

Kane no, na ahenfo ahodoɔ na woagye Ghana asase no afa paa yie, te sɛ Asanti Ahenni, Akwamufoɔ, Bonomanfoɔ, Denkyirafoɔ, Fantefoɔ, ne afoforo a wɔka ho. Ebinom deɛ, na wɔnyɛ Akanfoɔ, te sɛ Nkranfoɔ ne Dagombafoɔ. Wɔne Aborofo ntam dwadiɛ fii ase bere a wɔne Pɔtgɔkyifoɔ yɛɛConard. ntease apam wɔ mfe 1500 mu hɔ. Ɛno akyi no, Britainfo maa nea wɔfrɛ no Sika mpoano Ahenni no fii asɛ wɔ afe 1874 mu wɔ Ghana mmeae bi pɛ.

Gold Coast nyaa ne faahodie wɔ afe apem aha-nkron aduonum nson (1957) mu fii wɔn sodifoɔ a na wɔne United Kingdom no. Ɛno ma Ghana bɛyɛɛ ɔman a edin nkan nyaa ne fahondie wɔ abibirim mantam ha.

Nkekaho[sesa]