Philip Basoah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Philip Atta Basoah
Member of Parliament for Kumawu Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Philip Atta Basoah

(1969-11-18)18 November 1969
Kumawu, Ghana
Owu bere27 March 2023(2023-03-27) (aged 53)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoPatriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaTutor
CommitteesEmployment, Social Welfare and State Enterprises Committee; Lands and Forestry Committee; Selection Committee

Philip Atta Basoah[1]Ghana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4)no muni a ogyina Kumawu Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so.[2][3][4]

Ne mmofraase abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Philip wɔ Obubuo bosome da ɛtɔ so dunwɔtwe (18), afe 1969, na owui Memeneda, Ɔbɛnem bosome da etɔ so aduonu nson (27), afe 2023.[5] Ofiri Kumawu a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[6]

Nhomasua[sesa]

Onyaa master’s abodin krataa wɔ Paris sukuu a wɔawie a ɛhwɛ adwumayɛ so (Paris graduate school of management) wɔ afe 2012 mu na ɔsan nso nyaa Bachelor of Arts wɔ Cape Coast Suapɔn mu (University of Cape Coast, Ghana) wɔ afe 2000 mu.[6] Ɔsan nso nyaa ne A level adansedie krataa (GCE Advanced level) wɔ afe 1994 mu ne ne O level adansedie krataa (GCE Ordinary level) wɔ afe 1991 mu ne ne MLSC wɔ afe 1986 mu.[2]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ nnwuma sohwɛfo ma Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔsan nso yɛ Ɔmantam Panyin wɔ Mpɔtam Aban Dwumadibea (Ministry of Local Government) ma Sekyere Apueɛ Mansin (Sekyere East District) firi bosome Ayɛwohomumɔ afe 2005 kosi bosome Ɔpɛpɔn afe 2009 mu. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Agogo Ntoaso Sukuu (Agogo Senior High School).[2][6]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Na ɔyɛ NPP muni ne mmarahyɛbadwani a ɔhwɛ Kumawu Mmrahyɛbadwam mpɛsoa so wɔ Ashanti Mantam mu. Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, odii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu a onyaa amba 21,794 a ɛyɛɛ 78.2% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu bere a NDC mmarahyɛ badwa mu ɔkannifoɔ Emmanuel William Amoako nyaa amba 5,899 a ɛyɛ 21.2% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu bere a CPP mmarahyɛ badwa mu ɔkannifoɔ Opoku Kyei Clifford nyaa amba 188 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 0.7%.[7] Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu a onyaa amba 14,960 a ɛyɛɛ 51.1% wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu bere a NDC mmarahyɛ badwa mu ɔkannifoɔ Bernard Opoku Marfo nyaa amba 2,439 a ɛyɛɛ 8.3% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu bere a mmarahyɛ badwa mu ɔkannifoɔ Duah Kwaku a ɔde ne ho (independent) nyaa 11,698 abatoɔ a ɛyɛɛ 40% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na GUM mmarahyɛbadwani a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Nana Amoako nyaa amba 174 a ɛyɛɛ 0.6% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[8]

Boayikuw ahorow[sesa]

Na ɔyɛ Adwumayɛ (Employment), Asetena mu Yiedie (Social Welfare) ne Ɔman Nnwuma Boayikuo (State Enterprises Committee) no Titenani (Chairperson) na ɔsan yɛ Asase ne Kwaeɛ Boayikuo no muni member of Lands and Forestry Committee) na ɔsan yɛ Boayikuo a Wɔpaw Nipa no muni (member of the Selection Committee).[2]

Adɔeyɛ[sesa]

bosome Oforisuo afe 2021 mu no, ɔde nteteeɛ nnwinnadeɛ maa adwumfo (artisans) a wɔwɔ Kumawu Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu de boaa mmabun (youth) no ma wɔanya nimdeɛ (employable skills) a wɔbɛtumi ayɛ adwuma.[9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Na ɔyɛ Kristoni.[2]

Owuo[sesa]

Basoah wui wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu nson (17), afe 2023, na na wadi mfeɛ aduonum anan (54).[5][10]

Ntotoho[sesa]

  1. "Kumawu Bodomasi NPP Youth vow to vote 'skirt and blouse' in December – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2020-07-04. Retrieved 2022-08-14.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-14.
  3. "Philip Basoah confident of beating Ahomka Lindsay to retain Kumawu seat in NPP primaries – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2020-02-15. Retrieved 2022-08-14.
  4. "MP petitions police over Kumawu commander's "unruly conduct" - Asaase Radio" (in American English). 2021-10-22. Retrieved 2022-08-14.
  5. 5.0 5.1 "Kumawu MP, Philip Basoah dies aged 54". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2023-03-28. Retrieved 2023-03-28.
  6. 6.0 6.1 6.2 "Basoah, Philip". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-14.
  7. FM, Peace. "2016 Election – Kumawu Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2022-08-14.
  8. FM, Peace. "2020 Election – Kumawu Constituency Results". Comingsoonnews – Peace FM. Archived from the original on 2023-05-28. Retrieved 2023-03-30.
  9. "Government is expanding TVET education to increase enrollment – Kumawu MP – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2021-04-20. Retrieved 2022-08-14.
  10. "Majority MPs wear black as Parliament mourns late Philip Basoah - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2023-03-28. Retrieved 2023-03-28.