Ɔpɛpɔn

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Ɔpɛpɔn(About this soundpronounciation of "Ɔpɛpɔn" ) yɛ bosome a ɛdikan wɔ afe mu. Ɛwɔ nna aduasa-baako, Ɔgyefoɔ na ɛdi Ɔpɛpɔn so ɛna Ɔpɛpɔn nso di Ɔpɛnimaa bosome so a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so du mmienu a ɛsane twa toɔ wɔ afe no mu. Wɔ Brɔfo kasa mu no wɔfrɛ Ɔpɛpɔn .[1] Ɔpɛpɔn yɛ bosome bi a ɛyɛ soronko ma obibiara. Ɛnam sɛ ɛyɛ bosome a edi kan wɔ abosome du mmienu no mu nti no, nkrɔfoɔ ani sɔ paa ara yie ɛnam nsɛm bi nti. Ɛyɛ bosome bi a nkrɔfoɔ tena ase keka nnoɔma bi anaa nsɛm bi bom fa afe a ɛtwaa mu no ho, na wɔ hwɛ sɛ, wɔn de nkabom bɛba wɔn abusua, wɔn mpɔtam ne aman aman mu.[2] Nnipa dodoɔ nso de saa bosome yi hyehyɛ tirimpɔ ahorow ma afe a ɛda wɔn anim no.[3]

Abakɔsɛm.[sesa]

Ɔpɛpɔn yɛ edin a Akanfoɔ de frɛ bosome a ɛdikan wɔ afe mu. Wɔ Akan mu no Ɔpɛpɔn kyerɛ sɛ ɔpɛ kɛseɛ. Ɔpɛpɔn yɛ bosome a ɛpɛ a ano yɛ den paa ara hyɛ aseɛ. Wɔ Akanfoɔ nna nu mu wɔ gyina biribiara a Akanfoɔ frɛ no adaduanan, wɔ Brɔfo kasa mu no asekyerɛ ne 'forty days'. Adaduanan kyerɛ nna aduanan.[4] Ɔpɛpɔn bosome no asekyerɛ yɛ Ɔpɛ a ɛkyerɛ ɔpɛ berɛ ne Pɔn a ɛkyerɛ kunini anaa kɛseɛ.[4] Wei kyerɛ sɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu no, ɔpɛ no ano yɛ den paa yie. Ɔpɛ berɛ wɔ Ghana hyɛ aseɛ wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu kɔsi Ɔbɛnem bosome nu mu.[5]

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu[sesa]

Wɔ ɔman Ghana mu no afahyɛ ahorow ne nkaeda ahorow bi wɔ hɔ a wɔ hyɛ no nson wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu. Ebi ne: Afe foforow da, Amamuo mmra da ne Fao afahyeɛ.[6] Afe foforow da yɛ 'New year's day' wɔ Brɔfo kasa mu. Afe foforow da yɛ ɛda da edikan wɔ afe nu mu. Esan ɛno nti ɛyɛ ahome da ma Gaanafoɔ nyinaa. Amamuo mmra da ɛyɛ ɛda ɛtɔso nson wɔ bosome no mu na Gaanafoɔ de kae mmrɛ a wɔnyaa Ghana mmra no, wɔ Brɔfo kasa mu nu ɛkyerɛ 'Constitution day'.

Hwehwɛ pii ka ho[sesa]

Akan Calendar

Constitution day of Ghana

Ɔpɛnimaa

Ɔgyefuo

Babia a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://www.dictionary.com/browse/january
  2. https://www.modernghana.com/amp/blogs/666999/afenhyiapa-oo-january-month-of-reflections.html
  3. https://www.cnn.com/2022/01/01/health/how-to-set-new-year-resolutions-wellness/index.html
  4. 4.0 4.1 https://www.jstor.org/stable/1158712?seq=1
  5. Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-05-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html