Jump to content

Ɔbɛnem

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔbɛnem(About this soundpronounciation of "Ɔbenem" ) yɛ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe no mu[1].Bosome yi wɔ nnafua aduasa-baako. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛwɔ afe no mu.[1] Ɔbɛnem bosome no hyɛ Ɔgyefuo ne Oforisuo bosome no ntɛm wɔ afe no mu[2] Ɔbɛnem bosome no ho hia wɔ ɔman Gaana mu. Ɛfiri sɛ Ɔbɛnem bosome no yɛ bosme a Gaanafoɔ de da wɔn amammerɛ ne amanneɛ adi.[3] Gaana fawohodie da nso wɔ Ɔbɛnem mu.[4]

Abakɔsɛm

[sesa]

Akanfoɔ bosome no gyina adaduanan so, ɛyɛ nna du-nnan na ɛwɔ bosome biara mu. Tete no, na Akanfoɔ bosome no yɛ nnwɔtwe anaa nkron.[5][6] Akanfoɔ bosome no seesei ɛyɛ du-mmienu te sɛ 'Gregorian Calendar' no. Ɔbɛnem yɛ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe mu. Ɛsane yɛ Ɔpɛ berɛ bosome wɔ afe mu, na ɛtwa Ɔpɛ berɛ bosome no ano.[2]

Nna atitire anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu

[sesa]

Gaana, Ɔbɛnem yɛ bosome soronko. Ɛsane kae yɛn nna bi te sɛ; Ɔbenem da a ɛtɔ so nsia yɛ Gaana Fawohodie da 'Independence Day' wɔ afe apem ahankron ne aduonum-nson (1957) mu.[4] Ɛsane so yɛ bosome a Gaanafoɔ de kyerɛ wɔn amammerɛ ne amanneɛ ahodoɔ.[3] Afahyɛ a Gaanafoɔ bi di wɔ Ɔbɛnem mu ne Gologo afahyɛ.[7]

Hwehwɛ pii ka ho

[sesa]

Akan calendar

Independence Day Ghana

Gologo Festival

Ɔpɛpɔn

Ɔgyefuo

Ɔpɛnimaa

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu

[sesa]
  1. 1 2 https://learnakan.com/months-in-twi/
  2. 1 2 Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-23{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. 1 2 https://www.modernghana.com/news/1064018/media-general-celebrates-march-2021-as-ghana-month.html#:~:text=Ghana%20Month%20is%20a%20month,celebrate%20its%20rich%20cultural%20heritage.
  4. 1 2 https://www.timeanddate.com/holidays/ghana/
  5. Archive copy, archived from the original on 2025-03-23, retrieved 2021-05-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://www.jstor.org/stable/1158712?seq=1
  7. https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html