Obubuo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Obubuo(About this soundpronounciation of "Obubuo" ) yɛ bosome a ɛtɔ so du baako wɔ afe no mu.[1] Ɛyɛ bosome a ɛwɔ nnafua aduasa . Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa te sɛ abosome Oforisuo, Ayɛwohummumɔ ne Ɛbɔ.[2] Obubuo bosome no hyɛ Ahinime ne Ɔpɛnimma bosome no ntam. Ahinime bosome no di Obubuo bosome no anim na Ɔpɛnimma bosome no di Obubuo bosome no akyi.[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Obubuo yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so dubaako. Wɔ brɔfo mu no wɔfrɛ saa bosome yi November.[3] Obubuo bosome no yɛ bosome a etwa to wɔ bamporɔ bere mu wɔ afe no mu.[3] Wɔ bosome yi mu wɔ Ghana no, ɔpɛ asi wɔ Ghana atifi fam. Nanso wɔ Ghana atɔe fam no saa bosome ne bosome a etwa to wɔ osutɔ bere a ɛtɔ so mmienu wɔ afe no mu.[4][5]

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu[sesa]

Nna atitirew bi ne nnapɔnna ahorow a wɔhyɛ ho fa wɔ Obubuo bosome mu wɔ ɔman Ghana mu. Ebi ne:

  • Hobgetsotso afahyɛ. Ɛyɛ afahyɛ a Anlo Ewefo hyɛ ho fa de kae sɛnea wɔn nananom fi Togo atififam baa bɛtenaa baabi a seesei wɔte wɔ Ghana asase so.[6][7]
  • Sasaborim afahyɛ. Ɛyɛ afahyɛ a wɔn a wɔte Awuah Domase wɔ Bono Ahafo Mantam mu hyɛ ho fa de kae wɔn hene bi a ɔboaa Asantehemaa Yaa Asantewaa ma wɔne Britaniafo dii aku wɔ tete Gold Coast.[8][6]

Nnwoma a menyaa mmoa firii mu.[sesa]

  1. 1.0 1.1 Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-07{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://online-calculator.org/how-many-months-have-30-days.aspx
  3. 3.0 3.1 Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-07{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://beautifulghana.com/seasons-in-ghana/
  5. https://www.tripsavvy.com/ghana-facts-and-information-1454311
  6. 6.0 6.1 https://easytrackghana.com/cultural-overview-ghana-festivals.php
  7. https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html
  8. https://touringghana.com/festivals/