Yaa Asantewaa

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Yaa Asantewaa
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipSika Mpoano Sesa
allegianceAshanti Empire, Ghana Sesa
given nameYaa Sesa
family nameAsantewaa Sesa
noble titleQueen Mother Sesa
date of birth1832, 1840 Sesa
place of birthBesease Sesa
date of death17 Ahinime 1921 Sesa
place of deathSeychelles Sesa
languages spoken, written or signedTwi Sesa
occupationruler, military leader, resistance fighter Sesa
position heldQueen Mother, Ɔhemmaa ɛna (Afrika) Sesa
conflictYaa Asantewaa War, Anglo-Ashanti Wars Sesa

Yaa Asantewaa(About this soundpronounciation of "Yaa Asantewa" ) (wɔwoo no Ahinime bosome da a ɛtɔ so du-nson (17), wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduanan [1840]). Na ɔyɛ EjisuhemaaAsanteman mu a ɛka Ghana ho nnɛ da yi. Ne nua barima Nana Akwesi Afrane Okese a ɔyɛ Ejisuhene na ɔpaw no. Ɔdii Asantefoɔ ko a yɛfrɛ no sikadwa ko na yɛsan frɛ no Yaa Asantewaa ko a atia Abrɔfo a wɔdi yɛn so.[1]

Mfe a edi kan[sesa]

Wɔwoo no wɔ Besease wɔ afe apem ahanwɔtwe wɔ Ghana atɔe fam, na wɔyɛ mmɔfra mmienu na Yaa Asantewaa yɛ ba panin. Ne nua barima Afrane Panin bɛyɛɛ Ejisuhene kuro a ɛbɛn wɔn. Yaa Asantewaa nyinii no oduaa nnɔbae wɔ asase a ɛbɛn Boankra. Ɔkɔtɔɔ aware so na ɔnyaa babea.[2][3]

Owuu wɔ mfe apem ahankron ne aduonu baako (1921). Na ɔyɛ okuanni ne ɔbatan mapa. Ɔyɛ obi a n'adwene mu dɔ, amanyɔnni, banbɔnni, ɔhemmea,ne odikanfo. Yaa Asantewaa bɛgye din ɛnam sɛ odii Ashanteman anim ko tiaa Britishfoɔ bere a na wɔpɛ sɛ wɔgye Ashanteman Sika Dwa Kɔkɔɔ.[4][5]

Atuateɛ Mfitiaseɛ[sesa]

Berɛ a ne nua no di hene no, Yaa Asantewaa hunuu sɛ Asanteman nni daakye biara ɛnam nnoɔma bi ɛrekɔso a ɔmo ankasa ho ntɔkwa di mu akotene firi afe apem ahannwɔtwe aduowɔtwe mmi3nsa de kɔsi aduowɔtwe nwɔtwe so . Berɛ a ne nua no wuii wɔ afe apem ɔhanwɔtwe adukron nan so no ɔde ne tumi sɛ ɔhemaa paw ne nana sɛ Ejisuhene. Berɛ a abrɔfo no de no ne Asantehene Prempeh a ɔdi kan ne Asanteman mu mpanimfoɔ kɔtoo Sychelles no Yaa Asantewaa bɛdii mu wɔ Ejisu-Juaben mansini mu. Wɔbɔɔ Prempeh a ɔdi kan no baeɛ no, buroni a ɔdi ɔman Gold Coast so no Frederick Hodgson kaa sɛ ɔhia sika dwa no Asanteman ahyɛnso. Saa adesrɛdeɛ yi maa Asanteman mu mpanimfoɔ waka no kɔhyia sieɛ dwenee ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn hene ho ban berɛ a ɔreba no. Na nteaseɛ nni wɔn a wahyia ntam fa ɔkwan a wɔbɛfa so. Yaa Asantewaa a saa berɛ no na ɔwɔ hɔ sɔree de nsɛm wei too mpanimfoɔ a wahyia hɔ no ;

Afei mahu sɛ mo mu binom suro sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim ako ama yɛn hene. Sɛ ɛyɛ Osei Tutu, Okomfo Anokye ne Opuku Ware I akokoduru nna no a, anka atitire rentra ase nhwɛ sɛ wɔnfa wɔn hene a wɔnto tuo. Anka Oboroni biara ntumi nnya akokoduru ne Asante hene no nkasa wɔ ɔkwan a gɔvena no kasa kyerɛɛ mpaninfoɔ atitire anɔpa yi no so. Enti ɛyɛ nokware sɛ Asante akokoduru nni hɔ bio? Minnye nni. Ɛrentumi nyɛ saa! Ɛsɛ sɛ meka wei sɛ: Sɛ mo, Asante mmarima no, moankɔ ɔkoo no anim a, ɛnneɛ yɛbɛkɔ. Mɛfrɛ me mfɛfoɔ mmaa. Yɛbɛko atia aborɔfo no. Yɛbɛko akosi sɛ yɛn mu nea otwa toɔ no bɛhwe ase wɔ ɔko no mu.

nansa yi mahunu sɛ mo mu bi suro s3 wɔbɛgyina ako agye wɔn hene. Sɛ nka ɛyɛ Ɔsei Tutu, ɔkɔmfo AnɔKye ne Opoku Ware mo akokuoduru pɛn so a nka ahemfo ntena hɔ nhwɛ sɛ yɛbɛfa wɔn hene a atuo biara nto. Nka buroni biara nni hɔ a ɔbɛtumi akasa sɛdeɛ ɔman panin kasa kyerɛɛ ahemfo anɔpa yi. Nti ɛyɛ ampa sɛ Asante akukuoduru no nni hɔ bio? ɛwɔ sɛ meka wei ; sɛ mo mmarima a mo wɔ Asante anni kan a ɛnneɛ yɛbɛdi kan. Mɛfrɛ me fɛfoɔ mmaa, yɛbɛko akɔ si sɛ yɛbɛku deɛ ɔbɛka wɔ ɔkono.

Asante mantam ahemfo bebree yii Yaa Asantewaa sɛ ɔnni Asante akofoɔ anim.

Baabi a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. [1] Appiah, Kwame Anthony, and Henry Louis Gates, Jr. (eds), Africana: The Encyclopedia of the African and African American Experience, p. 276.
  2. [2] Korsah, Chantal (22 July 2016). "Yaa Asantewaa". Dangerous Women. Retrieved 20 February 2017.
  3. https://dangerouswomenproject.org/2016/07/22/yaa-asantewaa/
  4. Archive copy, archived from the original on 2022-04-11, retrieved 2022-02-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. Archive copy, archived from the original on 2022-04-11, retrieved 2022-02-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)