Ahinime

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ahinime(About this soundpronounciation of "Ahinime" ) yɛ bosome a ɛtɔ so du wɔ afe no mu. Ɛyɛ bosome a ɛwɔ nnafua aduasa baako. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa baako te sɛ abosome Ɔpɛpɔn, Ɔpɛnimma ne Ɔbɛnem.[1][2] Ahinime bosome no hyɛ Ɛbɔ ne Obubuo abosome no ntam. Ɛbɔ bosome no di Ahinime bosome no anim na Obubuo bosome no di Ahinime bosome no akyi.[3]

Abakɔsɛm[sesa]

Ahinime yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so du wɔ afe no mu.[3] Ahinime bosome yɛ ofupɛ bere. Saa bosome yi yɛ osutu bere a ɛtɔ so mmienu wɔ anafo fam wɔ ɔman Gaana mu.[4][5] Nanso saa bosome yi hyɛ ɔpɛ bere ase wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu.[4][5] Ahinime bosome wɔ afahyɛ wɔde, abi ne Ohumkyire, Akwantutenten, Apoo, Fofie Yam ne Gmayem Afahyɛ a ɔman Gaanafoɔ edi.[6]

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu[sesa]

Ahinime bosome wɔ afahyɛ wɔde, abi ne

  • Ohumkyire. Ɛyɛ otwabere nnaaseda afahyɛ a wɔn a wofi Akyem nkurow ne Kibi ne nkuraa nkuraa a ɛbenbɛn di wɔ bosome Ahinime anaa Ɛbɔ mu.[7][8]
  • Fofie. Ɛyɛ bayerɛ afahyɛ a Ghanafo a wofi Bono East mantam, ne titirew Techiman, di.[7][6]
  • Nmayem anaa Gmayem. Ɛyɛ afahyɛ a wɔn a wofi Dodowa di. Saa afahyɛ yi nso yɛ otwabere nnaaseda afahyɛ.[7][6]
  • Apoo afahyɛ[6]
  • Akwantutenten afahyɛ a ɔman Gaanafoɔ edi.[6]

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.[sesa]

  1. https://online-calculator.org/how-many-months-have-30-days.aspx
  2. https://whatanswered.com/education/what-months-have-30-days.php
  3. 3.0 3.1 Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. 4.0 4.1 https://www.tripsavvy.com/ghana-facts-and-information-1454311
  5. 5.0 5.1 https://beautifulghana.com/seasons-in-ghana/
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 https://www.easytrackghana.com/cultural-overview-ghana-festivals.php
  7. 7.0 7.1 7.2 https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html
  8. https://touringghana.com/festivals/