Convention People's Party (CPP)

Ɛfi Wikipedia

The Convention People's Party (CPP) yɛ amanyɔkuo wɔwɔ gyedie wɔ nnipa nyinaa yiedie mu wɔ Ghana ha a Ɔmanpanin a ɔdikan, Dr. Kwame Nkrumah nsusueɛ so na wɔde tee amanyɔkuo no.[1] Wɔtee amanyɔkuo Conventions People's Party wɔ Ayɛwohomummɔ bosome mu wɔ afe apem ahenkron aduanan nkron bere a Nkrumah tee ne ho firii amanyɔkuo United Gold Coast Convention (UGCC)ho. Na Nkrumah yɛ Twerɛtwerɛfoɔ panin de ma amanyɔkuo UGCC ansa na amanyɔkuo no mpaninfoɔ de no kɔtoo afiease wɔ kwaadubɔ a na enni nyinasoɔ wɔ Nkrumah akandie adwuma no mu. Kwame Nkrumah tee amanyɔkuo Convention People's Party a bere United Gold Coast Convention mu nnipa no bi boaa no, na amanyɔkuo no boatae ne ' wɔn ankasa bɛbu wɔn man[2]. Upon Kwame Nkrumah's akandie mu no wamfa kwan bɔne so anni dwuma bere a ɔboaboaa nnipa ano yɛɛ ɔyɛkyerɛ ne wɔde wɔn adwuma too hɔ kyerɛɛ sɛ wɔn ani nnye deɛ ɛrekɔ so ho Ɛno nti wɔpɛ fahodie ne wɔn ankasa amammuo. Yei de no kɔɔ afiease deɛ ɛtɔ so mmienu. Nanso wɔyii no berɛ a ɔmanfoɔ too aba yii no wɔ aborɔfo a na wɔdi Ghana soɔ no abatoɔ mu. Amanyɔkuo CPP akyidifoɔ tae Nkrumah nsusueɛ no akyi ɛna wɔtoo aba maa no wɔ fahodie amammuo mu. 'Atekel' yei ka abakwasɛm fa kwan a amanyɔkuo hyɛaseɛ wɔ Ghana ha. Afe apem ahenkron aduanan nwɔtwe basabasayɔ ne Convention People Party nfitiaseɛ ne deɛ ɛkeka ho. Nsɛm a ɛde CPP teɛ baeɛ, ntawantaw a na ɛda aborɔfo ne Ghanafoɔ ntam a Nkrumah na ne ɛdi anim de gyee fawohodie maa Ghana nyinaa ka ho bi.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://doi.org/10.1093%2Fref%3Aodnb%2F31504
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/ISBN_(identifier)