Memeneda

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Memeneda(About this soundpronounciation of "Memeneda" ) yɛ da ɛtɔ so ason wɔ nnawɔtwe no mu. Ɛhyɛ Fida ne Kwasida ntam[1].

Sɛnea Akanfo Dodow no ara frɛ Memeneda[sesa]

Akan Kasa Ɛda
Asante Twi Memeneda
Fante Memenda
Akuapem Twi Memeneda

Nea Memeneda Kyerɛ ne ne Kradin[sesa]

Memeneda fri nsɛmfua mmienu mu Mene ne da.[2] Akanfoɔ gyidi sɛ Memeneda ɛyɛ Onyame na wo da, ɛsan gyina hɔ ma yɛn amansan yi. Sɛ wɔ wo ɔbarima wɔ saa da yi mu a wɔbɛfrɛ no Kwame na sɛ ɔyɛ ɔbea nso a wɔfrɛ no Ama[1]. Eyi ne Kradin ahororow a wɔde to obi a wɔwoo no memeneda.

Beae a Ɛhyɛ Wɔ Nnawɔtwe No Mu[sesa]

The international standard ISO 8601 ka sɛ Memeneda yɛ da ɛtɔ so asia[3] wɔ nnawɔtwe no mu, nanso Kristo som, Yudafo som ne Kramofuo som (The three Abrahamic religions) gyina wɔn nkyerɛkyerɛ so ka sɛ Memeneda yɛ da ɛtɔ so ason wɔ nnawɔtwe no mu. Eyi nti nipa dodow no ara agye atom sɛ Memeneda yɛ da ɛtɔ so ason wɔ yɛn nnawɔtwe no mu.

Hwehwɛ Pii Ka ho[sesa]

Ɛdwoada

Ɛbenada

Wukuada

Efiada

Memeneda

Kwasiada

Beae a menyaa mmoa fiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Forty Days: The Akan Calendar on JSTOR
  2. http://cec.vcn.bc.ca/rdi/kw-40.htm
  3. ISO 8601 - Wikipedia