Efiada

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Efiada(About this soundpronounciation of "Efiada" ) ɛyɛ nnawɔtweda a ɛwɔ Yawoada ne Memeneda ntam. Sɛ yɛ hwɛ seneɛ nnawɔtweda no hyɛ aseɛ a ɛwɔ mmeamea bebiree no, Efiada ɛyɛ da a ɛtɔ so enum ɛwɔ nnawɔtwe no mu ɛne da ɛtwa toɔ ɛwɔ da a yɛde yɛ adwuma mu.[1]

Nea Efiada kyerɛ ne ne kradin[sesa]

Efiada kyerɛsɛ Afi asekyerɛ ne asaase a etumi so aba anaa deɛ ɛtumi wo. Akanfoɔ bi te sɛ Fantefoɔ gyidi sɛ eda wei kyerɛ asaase na wo da.[2] Efiada yɛ ɛda sronko wɔ Akanfoɔ nnawɔtwe da nu mu. Wɔ Akanfoɔ adaduanan nu mu, wɔ yi nda annan bi a ɛyɛ dabone, na nda bone mmienu nso yɛ frɛ: nu Adae ne Fodwo anaa Fofi, Fo kyerɛ nhyiamu. Wei yɛ nda wɔ de frɛ nananom abosom a wɔ wɔ nsuom ne asaase so, na wɔ yɛ amamere a ɛbɔ kuro no ho ban. Sɛ dabone si Ɛdwoada ne Efiada da a wɔ di Fodwoɔ ne Fofie a ɛyɛ ndaa sronko wɔ Akan nda nu mu.[2]

Wɔ wo abɔfra Efiada a yɛ frɛ nu Afia/Efia na Kofi. Afia ne Efia yɛ mmaa din ɛna Kofi nso yɛ mmɛrima din.[3]

Beae a ɛhyɛ wɔ nnawɔtwe no mu[sesa]

Ɛwɔ ɔman foforɔ bi mu no te sɛ United States of Amerika ɛne Canada no, ɔmo fa no sɛ nnawɔtweda no ɛhyɛ aseɛ firi Kwasiada. Efiada ɛyɛ da ɛtɔ so nsia ɛwɔ nnawɔtwe no mu. Ɛwɔ Ɔman foforɔ so no, ɔmo fa no sɛ nnawɔtweda no hyɛ aseɛ ɛwɔ Memeneda anaa Ɛdwoada ɛno saa no Efiada ɛyɛ da ɛtɔ so nson anaa enum ɛwɔ nnawotwe no mu.[1]Gaana Efiada yɛ ɛda ɛtɔso num wɔ nnawɔtwe nu mu.

Sɛdeɛ Akanfoɔ binom frɛ saa da yi.[sesa]

Akan kasa Ɛda Mmaa din Mmɛrima din
Asantefoɔ Efiada Afia Kofi
Akuaemfoɔ Efiada Afia/Efia Kofi
Fantefoɔ Efida Afua Koffi/Coffie

Hwehwɛ Pii Ka ho[sesa]

Akanfoɔ

Akan calendar

Afia

kofi

Memeneda

Ɛdwoada

Ɛbenada

Kwasiada

Yawoada

Wukuada

Babia a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://wwwf.dictionary.com/browse/friday
  2. 2.0 2.1 https://www.jstor.org/stable/1158712?seq=1
  3. https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html