Wukuada

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wukuada(About this soundpronounciation of "Wukuada" ) yɛ edin a Akanfoɔ de to ɛda a ɛtɔ so nnan wɔ nnawɔtwe no mu. Ɔbarima a yɛwoo no wukuada no yɛfrɛ no Kwaku ɛna Ɔbaa a yɛwoo no wukuada no yɛfrɛ no Akua.[1] Afei nso ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ nawɔtwe no mu a adwumayɛfoɔ de yɛ adwuma.[2] international standard iso 8601 kyerɛ sɛ wukuada yɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ nawɔtwe no mu.[3]

Abakɔsɛm.[sesa]

Akanfoɔ hu no sɛ, wɔ twerɛ kronkron mu no wukuada na onyankopɔn bɔɔ nnoɔma a ɛwɔ soro bi te sɛ nsoroma, bosome ɛna awia.[4]Wukuada firi Latin kasa mu a ɛkyerɛ ɛda a ɛwɔ nawɔtwe no mu a ɛhyɛ Ɛbenada ne Yawoada ntam. [5]Abakɔsɛm mu no wukuada firi tete Borɔfo kasa wodnesdæg mu ɛna afei wednesdei mu a ɛkyerɛ "Woden da".[6]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ Ɛda wukuada.[sesa]

Akan kasa Edin Mmɛrima din Mmaa din
Asante Wukuada Kwaku Akua
Akuapem Wukuda Kwaku Akua
Fante Wukuda Kweku Ekua

Babia a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2021-08-05. Retrieved 2021-04-06.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.etymonline.com/word/wednesday
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Wednesday
  4. https://otafregya.wordpress.com/2012/11/21/akan-days-namescreative-acts-and-their-meanings/amp/
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Wednesday
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Wednesday