Kwaku

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwaku(About this soundpronounciation of "Kwaku" ) yɛ din a Akanfo de ma ba barima a yɛ woo no Wukuada. Edin kwaku yɛ edin a efiri Ghana ne Abibirem. Kwaku baa din de Akua anaa Akuba.[1]

Abakwasɛm[sesa]

Ghanafoɔ taa de nnawɔtweda a wɔ woo wɔn mma to wɔn din. Wo hwɛ yen abakɔsem mu a awoda din y3 din a yɛ de ma obi ɛda a yɛ wo no. Akanfoɔ ne Ewefo na ɛto saa din yi. Kwaku mmerane ne bonsam, atobi anaa daaku.[2] Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, yɛhu ɛnna din no sɛ yɛnya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Kwaku firii edin Wukuada ɛne deɛ brɔfo kasa mu yɛfrɛ no (Lord of Life's Sky Heavenly Host deity of the day Wednesday).[3] Mmarima a yɛfrɛ wɔn Kwaku no yɛ nnipa a wɔde botaeɛ si wɔn ani so na wɔtɔ kɔ so ara wie botaeɛ no.

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no[sesa]

Sɛ yɛ sesa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ wɔ Ɔman Ghana mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Akuapem ne Asante mu no, yɛ twerɛ din no Kwaku ɛna Fantefoɔ nso frɛ no Kweku. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmarima din Kwaku mmaa din a yɛde ma ɔbaa y'awo no Wukuada yɛ Akua.[1]

Akan kasa Mmarima din Mmaa din
Asante Kwaku Akua
Akuapem kwaku Akua
Fante Kweku[1] Ekua/Kuukua[3]

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no[sesa]

Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin Kwaku ne

  • Kwaku Manu, Ghana sinitwani.[4][5]
  • Kwaku Sintin Misa, Ghanani a oyi nsɛnkwaa a wagye din.[6][7]

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Day-born-names-in-Dagbani-Ewe-and-Fante-797733
  2. https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html
  3. 3.0 3.1 https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  4. https://www.zionfelix.net/police-cautions-kwaku-manu/
  5. https://www.atinkanews.net/2021/03/09/kwaku-manu-is-behind-the-accident-at-lilwins-school-powerful-man-of-god-reveals-watch/
  6. https://www.ghlinks.com.gh/and-the-top-5-funniest-comedians-in-ghana-are/
  7. https://www.adomonline.com/veteran-comedian-reveals-why-he-cant-deal-with-religion/