Dormaa west (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dormaa West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MantamBono Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPAli Maiga Halidu

Dormaa West (About this soundsɛnea yɛbɔ "Dormaa West" ) (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua ) Kwaku Agyemang Manu na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no. Ɛnam ɔsono amanyɔkuo New patriotic party so na wɔtoo no so aba yii no a ɔnyaa mma ahankron ne aduonum mmiɛnsa [1] a ɛyɛ mma dodoɔ a ɔde bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii. Ɔdii Ywa Asiedu Mensah a na ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan nom wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu.

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ: Dormaa West[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ mu wɔ Ghana no, Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nsia na wɔde wɔn ananmusifoɔ bɛgyinaa mpesua no so abatoɔ no mu. ɔsono amannyɔkuo NPP de ananmusini a yɛfrɛ no Owura Kwaku Agyemang-Manu na ɛbaeɛ, Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso de owura Oppong Asamoah Vincent na ɛbaeɛ, PNC amannyɔkuo nso de Christopher AA-Bagme na ɛbaeɛ, DFP amannyɔkuo nso de Yeboah Kyeremeh Lawrence na ɛbaeɛ, CPP (Akokɔ) amannyɔkuo nso de Isaac Anabah na ɛbaeɛ, DPP amannyɔkuo nso de Kwame Solomon na ɛbaeɛ.

Abatoɔ no baa awieɛ no na, ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini a yɛfrɛ no Owura Kwaku Agyemang-Manu a wɔde no baeɛ no anya mma no mu mpem aduonu mmiensa, ahankron aduokron baako (23,991), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyiri pɔ aduasa nan (50.34%). Owura Kwaku Agyemang-Manu de mma mpem aduonu mmiensa, ahankron aduokron baako (23,991), na ɛdii nkunim wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Saa ara nso na Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso ananmusini a yɛfrɛ no Owura Oppong Asamoah Vincent nso nyaa mma no mu mpem aduonu mmiensa, ne aduasa nwɔtwe (23,038), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan ne akyiri pɔ aduasa nan (48.34%). Owura Kwaku Agyemang-Manu de mma mpem aduonu mmiensa, ne aduasa nwɔtwe (23,038), na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Bio, nso no PNC amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Owura Christopher AA-Bagme nso nyaa mma no mu ahaanu ne aduonu nkron (229), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduanan nwɔtwe (0.48%). Owura Christopher AA-Bagme nso de mma ahaanu ne aduonu nkron (229), na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Bio, nso no DFP amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Owura Yeboah Kyeremeh Lawrence nso nyaa mma no mu ɔha ne aduokron nkron (199), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduanan mmienu (0.48%). Owura Yeboah Kyeremeh Lawrence nso de mma ɔha ne aduokron nkron (199), na ɛtɔɔ so nan wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Afei nso no CPP (Akokɔ) amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Owura Isaac Anabah nso nyaa mma no mu ɔha ne aduanan num (145), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduasa (0.30%). Owura Isaac Anabah nso de mma ɔha ne aduanan num (145), ɛtɔɔ so num wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Afei nso no DPP amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Owura Kwame Solomon nso nyaa mma no mu aduanum nan (54), a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ du baako (0.11%). Owura Kwame Solomon nso de mma aduanum nan (54) na ɛtɔɔ so nsia wɔ Dormaa West mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Amannyɔkuo Ananmusini Mma ɔha mu nkyekyɛmu (%)
ɔsono amannyɔkuo NPP Kwaku Agyemang-Manu mpem aduonu mmiensa, ahankron aduokron baako (23,991) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyiri pɔ aduasa nan (50.34)
Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC Oppong Asamoah Vincent mpem aduonu mmiensa, ne aduasa nwɔtwe (23,038) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan ne akyiri pɔ aduasa nan (48.34)
PNC amannyɔkuo Christopher AA-Bagme ahaanu ne aduonu nkron (229) hwee ne akyiri pɔ aduanan nwɔtwe (0.48)
DFP amannyɔkuo Yeboah Kyeremeh Lawrence ɔha ne aduokron nkron (199) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduanan mmienu (0.42)
CPP (Akokɔ) amannyɔkuo Isaac Anabah ɔha ne aduanan num (145) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduasa (0.30)
DPP amannyɔkuo Kwame Solomon aduanum nan (54) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ du baako (0.11)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008