Tano South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tano South District
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTano South District
MantamAhafo Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPBenjamin Yeboah Sekyere[1]

Tano South (About this soundsɛnea yɛbɔ "Tano South" ) abatoɔ mpɛsua no yɛ abatoɔ mpɛsua a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Abatoɔ mpɛsua nu ɛne Tano North abatoɔ mpɛsua no bɔ hyeɛ. Tano South abatoɔ mpɛsua no wɔ Ahafo mantan no mu a nkane no nka ɛwɔ Bono-Ahafo mantam no mu de bɛsi sɛ abatoɔ kɔmisa kyekyɛɛ mantam ahodoɔ mu bio na ɛmaa Tano South abatoɔ mpɛsua no kɔdii Ahafo mantam.

Tano South abatoɔ mpɛsua no yɛ abatoɔ mpɛsua ahodoɔ nsia a ɛwɔ Ahafo mantan no mu baako. Nkane no na nka mansini no din ne Tano mansini ɛfiri afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu de bɛsi afe mpem mmienu ne nan (2004). Ɔpɛnimaa bosome no mu na abatoɔ kɔmisa tee Tano abatoɔ mpɛsua no atɔeɛ fam no firi Tano mansini no mu na ɛmaa ɛdin no sesa bɛyɛɛ Tano South abatoɔ mpɛsua so. Tano South abatoɔ mpɛsua no ahenkuro ne Bechem.[2]

Yeboah Sekyere Benjamin na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii wɔ saa mpɛsoa no so. Ɛnam Ɔsono amanyɔkuo (New Patriotic Party) so na wɔtoo aba yii no ma no bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii [3] a ɔnyaa mma mpem ahasa, aha no ne mmiɛnsa.[4][5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Ghana MPS - MP Details -". Archived from the original on 2012-04-23. Retrieved 2012-07-01.
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Tano_South_Municipal_District
  3. emmakd (2019-02-14). "Ahafo Region created, Goaso capital". Ghana Business News. Retrieved 2020-08-18.
  4. MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2016
  5. https://www.ghanabusinessnews.com/2019/02/14/ahafo-region-created-goaso-capital/