Asutifi South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Asutifi South
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAsutifi Mansini
MantamAhafo Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPCollins Dauda


Asutifi South (About this soundsɛnea yɛbɔ "Asutifi South" ) abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua ahodoɔ nsia a ɛwɔ Ahafo mantan no mu baako. Nkane no na nka mansini no din ne Asutifi mansini ɛfiri afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu de bɛsi afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012), Ayɛwohomumu bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28) mu na abatoɔ kɔmisa tee Asutifi abatoɔ mpesua no anaafoɔ fam no firi Asutifi mansini no mu na ɛmaa ɛdin no sesa bɛyɛɛ Asutifi South abatoɔ mpesua so. Asutifi South abatoɔ mpesua no ahenkuro ne Hwidiem.[1]

Asutifi South abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua a ɛwɔ ɔman Ghana mu, abatoɔ mpesua a ɛne Asutifi South abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Asutifi North abatoɔ mpesua no. Asutifi South abatoɔ mpesua no wɔ Ahafo mantan no mu a nkane no nka ɛwɔ Bono-Ahafo mantam no mu de bɛsi sɛ abatoɔ kɔmisa kyekyɛɛ mantam ahodoɔ mu bio na ɛmaa Asutifi South abatoɔ mpesua no kɔdii Ahafo mantam.[1]

Asutifi South yɛ mpɛsoa no baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa no so a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Asutifi anaafoɔ wɔ Asutifi mansini a ɛwɔ Ghana Ahafo mantam.

Ɛhyeɛ[sesa]

Akonnwa no wɔ Asutifi mansini mu a ɛwɔ Bono-Ahafo mantam wɔ Ghana. Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Asutifi South abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Asutifi North abatoɔ mpesua so, Asunafo North abatoɔ mpesua so ne Asunafo South abatoɔ mpesua so. Nkuro ahodoɔ nso a ɛbɛn Asutifi South ahenkro Hwidiem bi ne Goaso, Kukuom, Kenyasi ne nkaeɛ.[1]

Mmarahyɛbedwafoɔ.[sesa]

Asutifi South abatoɔ mpesua so mmarahyɛbadwam akonnwa no akonnwa a Ghana amannyɔkuo akɛseɛ no nyinaa atena so pɛn. Afe apem aha nkron aduokron nsia (1996) abatoɔ mu no, Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress de ananmusini a yɛfrɛ no owura Collins Dauda na ɛbɛgyinae, na abatoɔ no nyinaa baa awieɛ no, na owura Collins Dauda adi nkunim wɔ abatoɔ no mu, a ɔkɔgyinaa Asutifi South manfoɔ no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.

Wɔ afe mpem mmienu ne baako (2001) mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no, Ghana amannyɔkuo akɛseɛ no nyinaa de ananmusifoɔ bae, NDC Kyiniiɛ amannyɔkuo de owura Collins Dauda na ɛbɛgyinae, ɛna NPP Ɔsono amanyɔkuo nso de Awuraa Cecilia Djan Amoah na ɛbaeɛ. Abatoɔ no nyinaa baa awieɛ no, na NPP Ɔsono amanyɔkuo no ananmusini Awuraa Cecilia Djan Amoah adi nkunim agye Asutifi South mmarahyɛbadwam akonnwa no afiri NDC Kyiniiɛ amannyɔkuo ananmusini owura Collins Dauda nsam, a na ɛyɛ berɛ a ɛdi kan koraa NPP Ɔsono amanyɔkuo no adi Asutifi South mmarahyɛbadwam akonnwa no so nkunim.

Wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no, Ghana amannyɔkuo no nan na wɔde wɔn ananmusifoɔ bae, NDC Kyiniiɛ amannyɔkuo de owura Collins Dauda na ɛbɛgyinae, ɛna NPP Ɔsono amanyɔkuo nso de owura Thomas Broni na ɛbaeɛ, people's National Convention nso de owura Nana Ababio Cosmos na ɛbae, ɛna Convention People's Party nso de owura Augustine Adu Adjei bɛgyinaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no, na NDC Kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini owura Collins Dauda a wɔde no baeɛ no na adi nkunim wɔ Asutifi South abatoɔ mpesua no so mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
1992
1996 Collins Dauda Kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress)
2001 Cecilia Djan Amoah Ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party)
2004 Collins Dauda Kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress)

Abatoɔ.[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ: Asutifi South.

Ekuo Anamsini Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) Collins Dauda Mpem nkron ahannsia ne aduosia nnwɔtwe Ɔha mu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ nson +3.4
Ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" Thomas Broni Mpem nnwɔtwe, ahanson ne aduosia mmiɛnsa Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ nkron -4.8
Progressive peope's party Nana Ababio Cosmos Ahanu ne du nnwɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmienu _
Akokɔ amanyɔkuo"convention peope's party" Augustine Adu Adjei Aduonum baako Ɔhamu nkyekyɛmu hwee akyirepɔ mmiɛnsa _
DƆM NO Ahankron ne num Ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ nnwɔtwe +1.4
NNIPA DODOƆ A ƐTOOƐ Mpem du nwɔtwe, ahankron ne aduonum nan Ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe nnwɔtwe akyirpɔ mmiɛnsa

Ɛnam Philip Kofi Adjapong Amoah [2] wuo no nti, a na ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini a ɔgyina hɔ ma mmarahyɛbedwam nti, wɔtuu abatya na ɛrekɔso wɔ saa mpɛsoa no hyɛɛ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako no mu. Cecilia Djan Amoah, a na ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party a ɔbɛsii n'ananmu a na ɔsane yɛ ɔkunani ma ɔwufoɔ no dii aba noa ɔnyaa mma dodoɔ ahanum ne aduonum.[3]

Asutifi anaafoɔ abatoɔ a wɔtuhyɛɛda, mfeɛ mpem mmienu ne baako (2001).[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne baako (2001) mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu wɔ Asutifi South abatoɔ mpesua no so no, Ɔsono amannyɔkuo New patriotic party de Awuraa Cecilia Djan Amoah na ɛbaeɛ, abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Mpem nnwɔtwe,ahanu ne aduonu (8,220), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a Awuraa Cecilia Djan Amoah nyaa Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ nson (51.7%). Awuraa Cecilia Djan Amoah de mma no mu Mpem nnwɔtwe,ahanu ne aduonu (8,220) na ɛdii nkunim wɔ abatoɔ no mu.

Saa ara nso na Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress ananmusini a wɔde no bae nso ne owura Collins Dauda. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Mpem nson, ahan nsia aduoson (7,670) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, owura Collins Dauda nyaa Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe ne akyirepɔ mmiɛnsa (48.3%). Owura Collins Daudade mma Mpem nson, ahan nsia aduoson (7,670) na ɛtɔɔ so mmienu.

Ekuo Anamsini Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" Cecilia Djan Amoah Mpem nnwɔtwe,ahanu ne aduonu Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ nson _
Kyineeɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" Collins Dauda Mpem nson, ahannsia ne aduoson Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe akyirepɔ mmiɛnsa _
DƆM NO Ahanum ne aduonum Ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ nan

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

  1. 1.0 1.1 1.2 https://en.wikipedia.org/wiki/Asutifi_South_(district)
  2. "NPP Parliamentary Candidate Dies". General News of Sunday, 3 December 2000. Ghana Home Page. Retrieved 2007-07-31.
  3. Republic of Ghana Legislative election of 7 December 2000". Archived from the original on 2007-09-14. Retrieved 2007-07-27.