Fomena (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fomena (About this soundpronunciation of "Fomena" ) mpɛsua no mu baako wɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu mu na wɔtoo aba yii m

Fomena
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAdansi North Mansini
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2021
AmanyɔkuoIndependent
MPAndrew Amoako Asiamah

marahyɛbadwani (MP) a ɔdi kan koraa wɔ abatoɔ a ɛdii kan no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu. Fomena wɔ Adansi Asokwa mansini no mu a ɛwɔ Asante Mantam no muGhana.

Ahyeɛso[sesa]

Fomena abatoɔ mpesua no hyɛ Adansi North mansini no mu a ɛwɔ Asante Mantam no mu wɔ Ghana. Ɛfiri sɛ abatoɔ hyɛɛ aseɛ wɔ ɔman Ghana mu no, Fomena abatoɔ mpɛsua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ num a wɔn nyinaa firi amannyɔkuo akɛseɛ mmienu a ɛwɔ Ghana mu ha. ɔsono amannyɔkuo NPP na watena Fomena abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so dodoɔ, ansa na kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso atoa so.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Bere Nea yɛtow ne so aba amanyɔkuo
1992 Nana Odame Kusi National Democratic Congress
1996 Akwasi Afrifa New Patriotic Party
2007 Nana Abu-Bonsra New Patriotic Party
2012 Atta Boafo Daniel Kingsley New Patriotic Party
2016 Andrew Amoako Asiamah New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992)mu a Ghana man hyɛɛ kabimamenkabi amanmuo ase no, Fomena abatoɔ mpesua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ num na asi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔdi kan ne Owura Nana Odame Kusi a na ɔgyina NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem aha nkron aduokron mmienu mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ Fomena abatoɔ mpesua so. Owura Nana Odame Kusi nko ara ne NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini a watumi atena Fomena abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so.[1]

wɔ afe apem aha nkron aduokron nsia (1996)abatoɔ mu no, NPP ɔsono amannyɔkuo no nso bɛgyee Fomena abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa nofirii NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no nsam. NPP ɔsono amannyɔkuo no de Owura Akwasi Afrifa na ɛbɛpree akonnwa no, na abatoɔ no baa nawieɛ no na watumi adi nkunim wɔ NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no so. saa afe yi ne berɛ a ɛdi kan koraa a NPP ɔsono amannyɔkuo no tumi tenaa Fomena abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so. NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini Owura Akwasi Afrifa tenaa akonnwa no so mprɛnsa, afe apem aha nkron aduokron nsia abatoɔ mu (1996), afe mpem mmienu abatoɔ mu (2000), afe mpem mmienu ne nan abatoɔ mu (2004) de bɛsi afe mpem mmienu ne nson (2007) mu.

wɔ afe mpem mmienu ne nson (2007) mu no, na ɛho abɛhia sɛ Fomena abatoɔ mpesua no sane to aba foforɔ de yi nipa foforɔ ma no kɔhyɛ NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini Owura Akwasi Afrifa anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa pɛ na wɔde wɔn nipa bɛgyinaa sɛ yɛnto wɔn so aba. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura Nana Abu-Bonsra na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de Awuraa Grace Ampofo na ɛbɛgyinaeɛ, ɛna Democratic People's Party nso de Awuraa Augustina Kyei nso baeɛ. Abatoɔ no nyinaa baa nawieɛ no na NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura Nana Abu-Bonsra na wadi nkunim wɔ saa abatoɔ no mu, a ɔno nso kɔtoaa n'amannyɔkuoba Owura Akwasi Afrifa adwuma no so wɔ mmarahyɛbadwam de maa Fomena abatoɔ mpesua no so. owura Nana Abu-Bonsra tenaa Fomena abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so mprɛnu, ɛyɛ afe mpem mmienu ne nson (2007) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu ne afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu de bɛsi afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu (2012).

Afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa na wɔde wɔn nipa bɛgyinaeɛ, amannyɔkuo no mu biara sesaa ne nipa a wɔde no baa afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura Atta Boafo Daniel Kingsley na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de owura Jerry John Appiah na ɛbɛgyinaeɛ, ɛna Convention People's Party nso de Awuraa Mercy Baffour-Dwumah nso baeɛ. Abatoɔ no nyinaa baa nawieɛ no na NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura Atta Boafo Daniel Kingsley na wadi nkunim wɔ saa abatoɔ no mu, a ɔno nso kɔtoaa n'amannyɔkuoba Owura Nana Abu-Bonsra adwuma no so wɔ mmarahyɛbadwam de maa Fomena abatoɔ mpesua no so.

Afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn nipa bɛgyinaeɛ, amannyɔkuo no mu biara sesaa ne nipa a wɔde no baa afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura Andrew Amoako Asiamah na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de owura William Adjei-Mensah na ɛbɛgyinaeɛ, Convention People's Party nso de owura Kwadwo Osei nso na ɛbaeɛ, ɛna PPP nso de Dawud Suleiman na ɛbaeɛ. Abatoɔ no nyinaa baa nawieɛ no na NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura Andrew Amoako Asiamah na wadi nkunim wɔ saa abatoɔ no mu, a ɔno nso kɔtoaa n'amannyɔkuoba Owura Atta Boafo Daniel Kingsley adwuma no so wɔ mmarahyɛbadwam de maa Fomena abatoɔ mpesua no so.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

"Parliamentary Results Ahafo Ano South (Ashanti Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2018-03-12.

  1. "Parliamentary Results Fomena (Ashanti Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2018-03-12