Asunafo North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Asunafo North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAsunafo North Municipal Assembly
MantamAhafo Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPEvans Bobie Opoku

Asunafo North (About this soundsɛnea yɛbɔ "Asunafo North"  abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua a Ghana abatoɔ kɔmisa tetee ma yɛde too aba wɔ berɛ a ɛdi kan koraa a ɔman Ghana gyee kabimamenkabi amanmuo too mu. Asunafo North abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no yɛ akonnwa a Ɔsono amannyɔkuo New Patriotic Party (NPP) na watena so dodoɔ pa ara, ansa na Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress(NDC) nso aba a wɔn nso atena akonnwa no so bi nanso ɛnte sɛ Ɔsono amannyɔkuo New Patriotic Party ( NPP) deɛ no.

Wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ mu no, Asunafo North mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no, Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC) ananmusini a wɔde no baeɛ ne owura David Kwasi Amankwah, na berɛ a abatoɔ no baa awieɛ no, na wadi nkunim ama n'amannyɔkuo (NDC) New Democratic Congress.[1][2] Owura David Kwasi Amankwah nko ara ne Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress(NDC) ananmusini a watumi atena Asunafo North abatoɔ mpesUua mmarahyɛbadwam akonnwa no so.

Mfei mpem mmienu (2000) mu no, Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) ananmusini a wɔde no baa Asunafo North mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no bɔɔ ne ho mmɔden yie pa ara. onipa a ɔbɛgyinaa mu maa Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party(NPP) no ne owura Benjamin Osei Kuffour, na berɛ a abatoɔ no baa awieɛ no na wabɔ ne ho mmɔden agye akonnwa no afiri Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC)ananmusini no nsam.Wɔ abtoɔ no mu no,Owura Osei Kuffour nyaa mma no mu mpem aduonu, ahanson ne aduowɔtwe nan (20,784). Ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu aduonum nson ne akyiripɔ aduonum (57.50%). Na deɛ ɔgyina maa (NDC) National Democratic Congress ɛne Christiana Atakora Mensah. Onyaa mma no mu mpem dunan ,aha mmiensa ne nsia (14,326) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nkron ne akyiripɔ aduoson (39.70%). Francis Amofah nso na ɔgyina maa Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no nyaa aha mmiensa ne aduonum nkron (359) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiripɔ hwee (1.00%). Owura Michael Mahama Nabila nso yɛ (PNC) ananmusinii na onyaa mma no mu aha mmienu ne aduanan num (245) ɛno nso yɛ ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduoson (0.70%). Yeboah Kwasi Eric a ogyina mu maa UGM no nso nyaa mma no mu aha mmienu ɛne nson (207) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduosia (0.60%). Asare Bediako na ɔgyina maa amanyɔkuo (NRP) ,onyaa mma no mu aha mmienu (200) a ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduosia (0.60%).[3]

Mfei mpem mmienu ne nan (2004) mu no, Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party ananmusini a wɔde no baa mfei mpem mmienu (2000) abatoɔ mu no wɔsesaa no de nipa foforɔ na ɛbɛgyinaa Asunafo North mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no. Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) de Owura Robert Sarfo-Mensah na ɛbaeɛ, na abatoɔ no baa awieɛ no na watumi adi nkunim wɔ Asunafo North abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so. Owura Robert Sarfo-Mensah de mma mpem aduonu mmiensa ,aha nan ne aduonu nsia (23,426) ɛdii nkunim. Ɛno gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum baako ne akyiripɔ nson.(51.7%). Owura Robert Sarfo-Mensah na ɔkɔ gyinaa Asunafo North abatoɔ mpesua no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam na ɔkɔtoaa n'amannyɔkuoba owura Benjamin Osei Kuffour adwuma so wɔ Asunafo North din mu. Christiana Atakorah Mensah a ɔgyina maa National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no nso nyaa mma no mu mpem dunkron, aha mmienu ne aduowɔtwe nwɔtwe (19,288) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu aduanan mmienu ne akyiripɔ nsia (42.6%). Commey Kingsley na ɔgyina maa Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no nso nyaa mma no mu ahanum ne aduonu nsia (526) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiripɔ mmienu (1.2%). Owura Benjamin Osei Kuffour

Mfei mpem mmienu ne dunsia (2016) mu no, Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) ananmusini a wɔde no baa wɔ mfei mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no wɔsesaa no de nipa foforɔ na ɛbɛgyinaa Asunafo North mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no. Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) de Owura Evans Bobie Opoku na ɛbaeɛ, na abatoɔ no baa awieɛ no na watumi adi nkunim wɔ Asunafo North abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so. Owura Evans Bobie Opoku na ɔkɔ gyinaa Asunafo North abatoɔ mpesua no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam na ɔkɔtoaa n'amannyɔkuoba owura Robert Sarfo-Mensah adwuma so wɔ Asunafo North din mu wɔ Ghana Mmerahyɛbadwam. Wɔ mfei mpem mmienu ne dunsia abatoɔ mu no, Owura Evans Opoku Bobie nyaa mma no mu mpem aduasa baako,aha nsia ne aduowɔtwe baako(31,681). a eno yɛ ɔha nkyekyɛmu aduonum nsia ne akyiripo aduonum baako (56.51%)[4] Mohammed Kwaku Doku a ɔno na ɔyɛ National Democratic Congress ananmusinii no nso nyaa mma no mu mpem aduonu nan (24,000) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmienu ne akyiripo aduowɔtwe baako (42.81%). Seth Adomako (PPP) nso nyaa mma no mu aha mmienu ne aduoson num (275) a ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduanan nkron (0.49%). Stella Opoku (CPP) nso nyaa mma no mu ɔha ne du (110) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduonu (0.20%).[4]

Wɔn a wɔdiikan yii wɔn Ananmusini Amanyɔkuo
1992 David Kwasi Amankwah Kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress)
2000 Benjamin Osei Kuffour Ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party)
2004 Robert Sarfo-Mensah Ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party)
2016 Evans Bobie Opoku Ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party)

Ɛhyeɛ[sesa]

Asunafo North mpɛsoa yɛ mpɛsua baako a wɔteeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ no mu. Na saa mpɛsoa yi wɔ Bono-Ahafo mantam, a seisei deɛ ɛwɔ Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

"Parliamentary Results Asunafo North (Ahafo Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2018-03-12

  1. http://www.fco.gov.uk/servlet/Front?pagename=OpenMarket/Xcelerate/ShowPage&c=Page&cid=1007029394365&a=KCountryProfile&aid=1019672601848
  2. https://web.archive.org/web/20110112175238/https://ec.gov.gh/userfiles/BY%20ELLECTIONS%20IN%20GHANA.pdf
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/brongahafo/40/
  4. 4.0 4.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/ahafo/asunafo_north/