New Edubease (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
New Edubease
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAdansi South District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPAdams Abdul Salam

New Edubease (About this soundsɛnea yɛbɔ "New Edubease" ) yɛ abatoɔ mpɛsua no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔ too aba yii mmarahyɛbadwani (MP) a odi kan koraa wɔ abatoɔ a ɛdii kan no mu. New Edubease wɔ Adansi South mansini no mu a ɛwɔ Ashanti mantam no muGhana. New Edubease abatoɔ yɛ abatoɔ mpesua a NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no na wɔtae di nkunim wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu. ɔsono amannyɔkuo NPP nso ne amannyɔkuo a watumi atena New Edubease abatoɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no so bi.

Ahyeɛso[sesa]

New Edubease abatoɔ mpesua no hyɛ Adansi South abatoɔ mpesua no mu a ɛwɔ Asante mantam no mu wɔ Ghana. New Edubease abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua a abatoɔ kɔmisa no tetee wɔ berɛ a Ghana hyɛɛ kabimamenkabi amanmuo no ase wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) no mu.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) mu a Ghana man hyɛɛ kabimamenkabi amanmuo ase no, New Edubease abatoɔ mpesua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ num na asi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔdi kan ne Awuraa Mary Euginia Ghann a na ɔgyina NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem aha nkron aduokron mmienu (1992) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ New Edubease abatoɔ mpesua so. Awuraa Mary Euginia Ghann nko ara ne NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini a wantumi atena New Edubease abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so ankyɛ koraa, ɔtenaa so afe baako pɛ.

wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmiensa (1993) mu no, na ɛho abɛhia sɛ New Edubease abatoɔ mpesua no sane to aba foforɔ de yi nipa foforɔ ma no kɔhyɛ NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini Awuraa Mary Euginia Ghann anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. New Edubease abatoɔ mpesua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ num na asi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔtɔ so mmienu ne Awuraa Theresa Joyce Boaffoe a na ɔgyina NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem aha nkron aduokron mmiensa (1993) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ New Edubease abatoɔ mpesua so.

NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de owura Ernest Kofi Yakah na ɛbaeɛ wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu, abatoɔ no kɔɔ nawieɛ no na wadi nkunim. NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no sane de owura Ernest Kofi Yakah yi ara baa afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu bio, ɛno nso ɔsane bɛdii nkunim. owura Ernest Kofi Yakah yi ara na ɔsane bɛgyinaa NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no anan mu wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mu, na ɔsane nso dii nkunim maa NDC amannyɔkuo no, na ɔkɔgyinaa New Edubease abatoɔ mpesua no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.

wɔ afe afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ mu no, NPP ɔsono amannyɔkuo no nso bɛgyee New Edubease abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa nofirii NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no nsam. NPP ɔsono amannyɔkuo no de Owura George Boahen Oduro na ɛbɛpree akonnwa no, na abatoɔ no baa nawieɛ no na watumi adi nkunim wɔ NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no so. saa afe yi ne berɛ a ɛdi kan koraa a NPP ɔsono amannyɔkuo no tumi tenaa New Edubease abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so. NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini Owura George Boahen Oduro tenaa akonnwa no so de bɛsii afe mpem mmienu ne aduonu mu (2020)

wɔ afe afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no nso sane bɛgyee New Edubease abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no bio firii NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini no nsam. NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de Owura Adams Abdul Salam na ɛbɛpree akonnwa no, na abatoɔ no baa nawieɛ no na watumi adi nkunim wɔ NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini no so.

Abaotoɔ Member Amanyɔkuo
2016 GEORGE ODURO NPP
1992 Mary Euginia Ghann National Democratic Congress
1993[1] Theresa Joyce Boaffoe National Democratic Congress
2004 Ernest Kofi Yakah National Democratic Congress
2008
2012
2016 George Boahen Oduro New Patriotic Party
2021 Adams Abdul Salam National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

2016 Ghana abatoɔ : New Edubease Source : Peacefmonline[2]
Amanyɔkuo Candidate Votes %
NPP George Boahen Oduro 18,477 56.47
NDC Ernest Kofi Yakah 14,050 42.94
CPP Solomon Boadu 191 0.58
2008 Ghanaian parliamentary election:New Edubease
Source:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Ernest Kofi Yaka 14,732 54.5
New Patriotic Party Kyei Baffour-Degraft 11,848 43.8
People's National Convention Mariam Iddrisu 246 0.9
Convention People's Party Joshua Appiah 228 0.8
Abatoɔ dodoɔ 2,884 10.7
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
2000 Ghanaian parliamentary election:New Edubease
Source:ThinkGhana.com
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Theresa J.Baffoe 11,223 52.8
New Patriotic Party Francis Dorpenyoh 6,150 28.9
People's National Convention Memuna I. Ahmed 2,689 12.7
Convention People's Party Sophia Afrakoma Owusu 711 3.3
Independent Azameti C.F. Rafique 349 1.6
United Ghana Movement Samuel Y.Obeng 132 0.6
Independent Augustine A. Cudjoe 0 0
Abatoɔ dodoɔ 5,073 23.9
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
  1. "RESULTS OF BY- ELECTIONS FROM 1993 TO 2007" (PDF). Electoral Commission of Ghana. p. 1. Archived from the original (pdf) on 2011-01-12. Retrieved 2009-05-08.
  2. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - New Edubiase Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-28.