Berekum West (Ghana mmrahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Berekum West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniBerekum Municipal
MantamBono Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPKWAKU AGYENIM-BOATENG

Berekum West ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Berekum West wɔ Berekum mansini adantam wɔ Bono mantam.

Berekum West (About this soundpronunciation of"Berekum West") abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua du-mmienu a ɛwɔ Bono mantam no mu baako wɔ ɔman Ghana mu.[1] Nkane no na Berekum West abatoɔ mpesua no ka Berekum mansini no abatoɔ mpesua no ho bi wɔ ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron (1989) mu, a wɔnyaa saa abatoɔ mpesua yi nyinaa firii Berekum-Jaman mansini no abatoɔ mpesua no mu (a ɛkyire yi no mmara maa ho kwan maa wɔpagyaa mansini no mu de kɔɔ Berekum Municipal Districtɔgyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe "2008" mu ); kɔsi sɛ abatoɔ kɔmisa tetee mansini no atɔeɛ fam no firii mansini no mu ma yɛbɛnyaa Berekum West mansini noɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu. Jinijini ne Berekum West abatoɔ mpesua no ahenkuro.[2]

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Berekum mansini adantam wɔ Bono mantamGhana. Abatoɔ mpesua a ɛne Berekum West abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ ne Berekum East abatoɔ mpesua no , Jaman North abatoɔ mpesua no , Jaman South abatoɔ mpesua no , Sunyani West abatoɔ mpesua no , Dormaa East abatoɔ mpesua no , Dormaa Municipal abatoɔ mpesua no , ne Tain abatoɔ mpesua no.[3]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Berekum West abatoɔ mpesua no yɛ mpesua a ɔsono amannyɔkuo NPP ho yɛ den wɔ hɔ yie pa ara. wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu, amannyɔkuo ahodoɔ nsia na wɔde wɔn ananmusifoɔ baeɛ. NPP Ɔsono amannyɔkuo no ananmusini a wɔde no bɛgyina maa yɛtoo ne so aba ne owura Kwaku Agyemang-Boateng, kyiniiɛ mannyɔkuo NDC nso de owura Lord Stephen Oppong na ɛbɛgyinaeɛ, Progressive peope's party nso de owura Justice Amankona Diawuo na ɛbaeɛ, URP nso de owura Hinne Owusu Frank na ɛbaeɛ, afei National Democratic party nso de owura Kwasi Boafo na ɛbaeɛ, ɛna CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de owura Ataboadey Cyril na ɛbɛsii wɔn ananmu. Abatoɔ no baa awieɛ no na NPP Ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura Kwaku Agyemang-Boateng adi nkunim wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ mu no nso, amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa na wɔde wɔn ananmusifoɔ baeɛ. Amannyɔkuo no binom sesaa wɔn ananmusifoɔ a wɔde wɔn baa wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu abatoɔ mu, NPP Ɔsono amannyɔkuo no deɛ wɔn ananmusini a wɔde no bɛgyina maa yɛtoo ne so aba wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu abatoɔ mu no a ɔne owura Kwaku Agyemang-Boateng no ara na wɔsane de no baeɛ, kyiniiɛ mannyɔkuo NDC nso sesaa owura Lord Stephen Oppong na wɔde owura Dickson kyere-Duah bɛgyinaeɛ, Progressive peope's party nso sesaa owura Justice Amankona Diawuo na wɔde owura Solomon Kwadwo Amponsah baeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na NPP Ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura Kwaku Agyemang-Boateng adi nkunim bio wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Kwaku Agyemang-Boateng

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu

Kwaku Agyemang-Boateng Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ: Berekum West:: Peacefmonline[4][sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ mu no, NPP Ɔsono amannyɔkuo ananmusini a wɔde no bɛgyina maa yɛtoo ne so aba wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no ne owura Kwaku Agyemang-Boateng. Abatoɔ no baa awieɛ no na owura Kwaku Agyemang-Boateng anya mma no mu Mpem du, ahaanu ne aduowɔtwe nkron (10,289) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nsia ne akyire pɔ aduasa mmiɛnsa (56.33%). owura Kwaku Agyemang-Boateng de mma Mpem du, ahaanu ne aduowɔtwe nkron (10,289) na ɛdii nkunim wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

saa ara nso na kyiniiɛ mannyɔkuo NDC nso ananmusini a wɔde no baeɛ ne owura Dickson kyere-Duah. Abatoɔ no baa awieɛ no na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no anya mma no mu Mpem nson, ahanwɔtwe ne aduosia (7,860), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa ne akyire pɔ mmiɛnsa (43.3%). owura Dickson kyere-Duah de mma Mpem nson, ahanwɔtwe ne aduosia (7,860) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

wɔ saa abatoɔ korɔ no ara mu no, Progressive peope's party nso ananmusini a wɔde no baa ne owura Solomon Kwadwo Amponsah. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Ɔha ne du nson (117) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma hwee ne akyiri pɔ aduosia nan (0.64%). owura Solomon Kwadwo Amponsah de mma Ɔha ne du nson (117) na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Kwaku Agyenim Boateng Mpem du, ahanu ne aduowɔtwe nkron Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nsia akyirepɔ aduasa mmiɛnsa
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Dickson kyere-Duah Mpem nson, ahannwɔtwe ne aduosia Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyirepɔ mmiɛnsa
Progressive peope's party Solomon Kwadwo Amponsah Ɔha ne du nson Akyirepɔ aduosia nan

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ: Berekum West: Peacefmonline.[5][sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu no, NPP Ɔsono amannyɔkuo ananmusini a wɔde no bɛgyina maa yɛtoo ne so aba wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no ne owura Kwaku Agyemang-Boateng. Abatoɔ no baa awieɛ no na owura Kwaku Agyemang-Boateng anya mma no mu Mpen du, ahanan ne nsia (10,406) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson ne akyire pɔ du nkron (57.19%). owura Kwaku Agyemang-Boateng de mma Mpem du, ahanan ne nsia (10,406) na ɛdii nkunim wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amannyɔkuo a ɔno nso nyaa mma no mu dodoɔ kakra nso ne kyiniiɛ mannyɔkuo NDC a wɔn nso ananmusini a wɔde no baeɛ ne owura Lord Stephen Oppong. Abatoɔ no baa awieɛ no na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini no anya mma no mu Mpem nson, ahanu ne aduowɔtwe (7,280), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduanan ne akyire pɔ baako (40.1%). owura Lord Stephen Oppong Mpem nson, ahanu ne aduowɔtwe (7,280) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

wɔ saa abatoɔ korɔ no ara mu no, Progressive peope's party nso ananmusini a wɔde no baa ne owura Justice Amankona Diawuo. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu ahaanu ne aduonu (220) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu baako akyirepɔ aduonu baako (1.21%). owura Justice Amankona Diawuo de mma ahaanu ne aduonu (220) na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Abatoɔ korɔ no ara mu no nso, URP nso ananmusini a wɔde no baa ne owura Hinne Owusu Frank. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Ɔha ne aduanan(140) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma hwee ne akyire pɔ aduoson nson (0.77%). owura Hinne Owusu Frank de mma Ɔha ne aduanan(140) na ɛtɔɔ so nan wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

National Democratic party (NDP) nso ananmusini a wɔde no baa ne owura Kwasi Boafo. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Ɔha ne nsia (106) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma hwee ne akyire pɔ aduonum nnwɔtwe (0.58%). owura Kwasi Boafo de mma Ɔha ne nsia (106) na ɛtɔɔ so num wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso ananmusini a wɔde no baa ne owura Ataboadey Cyril. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Aduanan num (45) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma hwee ne akyire pɔ aduonu num (0.25%). owura Ataboadey Cyril de mma Aduanan num (45) na ɛtɔɔ so nsia wɔ Berekum West abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Kwaku Agyenim Boateng Mpen du, ahanan ne nsia Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔ du nkron
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Lord Stephen Oppong Mpem nson, ahanu ne aduowɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan akyirepɔ baako
Progressive peope's party Justice Amankona Diawuo Ahanson ne aduonu Ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ aduonu baako
URP Hinne Owusu Frank Ɔha ne aduanan hwee ne Akyireɔ ne aduoson nson
National Democratic party Kwasi Boafo Ɔha ne nsia hwee ne Akyirepɔ aduonum nnwɔtwe
Akokɔ amanyɔkuo convention peope's party Ataboadey Cyril Aduanan num hwee ne Akyirepɔ aduonu num

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ.

  1. "Brong Ahafo to be known as Bono Region". Graphic Online. Retrieved 2020-08-13.
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Berekum_West_District
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Berekum_East_Municipal_District#/media/File:Districts_of_the_Brong_Ahafo_Region_(2012).svg
  4. FM, Peace. "Ghana Election 2016". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-12.
  5. FM, Peace. "Ghana Election 2012 Results - Berekum West Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-12