Manso Edubia (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Manso Edubia
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAmansie West District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2016
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPAddo Frimpong Yaw

Manso Edubia (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua) (About this soundsɛnea yɛbɔ "Subin" ) yɛ mpasuasoɔ no baako a ɛwɔ Mmarahyɛbadwam wɔ Ghana. Wɔtoo aba yi Mmarahyɛbadwani baako a odii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Manso Edubia wɔ Amansie Atɔe Mansini a ɛwɔ Asante MantamGhana.[1]

Ɛnnɛ Mmerɛ yi Mpasua[sesa]

Wɔtee Mpasua yi wɔ mfe mpem mmienu ne dunsia (2016) mu a ɛnnɛ mmerɛ yi Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) anamsini wɔ Mmarahyɛbadwam Addo Frimpong Yaw na ɔte so saa mmerɛ yi.

Ɛhyeɛ[sesa]

Akonnwa no wɔ Amansie Atɔe Mansini wɔ Asante MantamGhana.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ.[sesa]

Mfe mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu na wɔtoo aba yi Addo Frimpong Yaw a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no wɔ Mmarahyɛbadwam.[1]

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne dunsia (2016) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ: Manson Edubia

Addo Frimpong Yaw a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) wɔ mmarahyɛbadwam nyaa mma mpem aduonu nan ne aduoson nan (24,074) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nkron akyiri pɔ aduowɔtwe nsia (69.86%).[2]

Benjamin Marfo a na ɔno nso yɛ anamsini de Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no nso nyaa mma mpem nson ɔha ne dummienu (7,112) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu akyiri pɔ aduosia nan (20.64%).[2]

Isaac Bronya a na ɔyɛ anamsini de ma PPP Amanyɔkuo no nso nyaa abatoɔ no mu mma mpem mmiɛnsa ne aduokron mmienu (3,092)a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nwɔtwe akyiri pɔ aduokron nson (8.97%).

Adom Selina a ɔyɛ anamsini de ma PNC Amanyɔkuo no nso nyaa mma ɔha aduowɔtwe mmiɛnsa (183) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduonum mmiɛnsa (0.53%).

Mma dodoɔ: Mpem aduonu nan ɔha ne aduoson nan (24,074) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nkron akyiri pɔ aduowɔtwe nsia (96.86%).[1]

Hwɛ bio[sesa]

Babia menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Ghana MPs. "Full Constituency Details". Ghana MPs. Ghana MPs. Retrieved 13 March 201
  2. 2.0 2.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/