Odotobri (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Odotobri
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAmansie Central District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPEmmanuel Akwasi Gyamfi

Emmanuel Akwasi Gyamfi yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Odotobri (About this soundpronunciation of "Odotobri" ) abatoɔ Mpasua no. Wɔtoo ne so aba wɔ Ɔsono amannyɔkuo NPP no mu a, Ɔnyaa mma mpem du-nkron aha nson ne aduosia nwɔtwe (19,768) wɔ abatoɔ no mu a ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛbaswani.[1] Ɔsane nso gyina mu ɛde ama Mpasua no wɔ Kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Mmarahyɛbadwam. Owura Emmanuel Akwasi Gyamfi yɛ mmarahyɛbadwani a ɔdii nkunim wɔ Odotobri abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004), afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008), afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) ne nyinaa mu wɔ ɔsono amannyɔkuo NPP din mu na wɔde kɔgyinaa Odotobri abatoɔ mpesua no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.[2]

Ɛnnɛ Mmerɛ Yi Mpɛsua.

Emmanuel Akwasi Gyamfi yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono Amanyɔkuo wɔ Amansie mfinimfin Mansini mu wɔ Asante MantamGhana.[3]

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ: Odotobri[2][sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Odotobri abatoɔ mpesua so no, amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa na wɔde wɔn ananmusini baeɛ, ɛna kɔntɔnkorɔ nso baako ka ho ma no yɛ nnipa nan na wopree akonnwa no. ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini a wɔde no kɔgyinaeɛ ne Owura Emmanuel Akwasi Gyamfi. Abatoɔ no baa awieɛ no na ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini no anya mma no mu mpem aduonu mmiensa, aha nwɔtwe ne nan (23,804) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduowɔtwe mmienu ne akyiri pɔ mmienu (82.2%). Owura Emmanuel Akwasi Gyamfi de mma mpem aduonu mmiensa, aha nwɔtwe ne nan (23,804) na ɛdii nkunim wɔ Odotobri abatoɔ mpesua no so.

saa afe korɔ no ara mu nso, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de ananmusini a yɛfrɛ no Owura George Adu-Mensah na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no kɔɔ awieɛ no, na wabɔ ne ho mmɔden anya mma no mu mpem mmiensa aha nson ne aduanan (3740) a sɛ yɛde kɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu du-mmienu ne akyiri pɔ nkron (12.9%). Owura George Adu-Mensah de mma mpem mmiensa aha nson ne aduanan (3740) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Odotobri mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu wɔ mpesua no so.

CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de wɔn ananmusini a yɛfrɛ no Owura Thomas Appiah-Kubi na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no kɔɔ awieɛ no, na wabɔ ne ho mmɔden anya mma no mu aha nan aduonu mmiensa (423) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyiri pɔ num (1.5%). Owura Thomas Appiah-Kubi de mma aha nan ne aduonu mmiensa (423) na ɛtɔɔ no nan wɔ Odotobri mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu wɔ mpesua no so..

Owura Johnny Owusu-Boadi deɛ wangyina wɔ amannyɔkuo biara din mu, na mmom ɔgyinaa sɛ kɔntɔnkorɔ wɔ Odotobri mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu wɔ mpesua no so. Abatoɔ no kɔɔ awieɛ no, na wabɔ ne ho mmɔden anya mma no mu apem (1000) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu mmiensa ne akyiri pɔ num (3.5%). Owura Johnny Owusu-Boadi de mma apem (1000) atɔ so mmiensa wɔ Odotobri mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu wɔ mpesua no so.

Beaɛ a Menyaa Mmoa Firii.

  1. [2] MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008
  2. 2.0 2.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Emmanuel_Akwasi_Gyamfi
  3. [1]http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=201