Ahafo Ano North (Ghana mmarahyɛbadwafie mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ahafo Ano North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAhafo Ano North Mansini
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPSanid Adamu Suleman

Ahafo Ano North (About this soundpronunciation of "Ahafo Ano North" ) yɛ abatoɔ mpesua no mu baako wɔ Ghana mmarahyɛbadwam. wɔ afe apem aha nkron aduokron mmienu mu na amanfoɔ a wɔwɔ Ahafo Ano North too aba yii wɔn mmarahyɛbadwani a odi kan wɔ abatoɔ a ɛdii kan wɔ Ghana no mu. Ahafo Ano North hyɛ Ahafo Ano North mansini no mu a n'ahenkuro ne Tepa a ɛwɔ Asante mantam no mu wɔ Ghana. Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwa no akonnwa no yɛ akonnwa a amannyɔkuo biara a wɔbɛbɔ ne ho mmɔden no tumi di so nkunim ma no yɛ yie. ɔsono amannyɔ NPP ne kyiniiɛ amannyɔkuo NDC na watena Ahafo Ano North mmarahyɛbadwa akonnwa no so dodoɔ. Amannyɔkuo foforɔ a watumi atena Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwa no akonnwa no so bi ne EAGLE amannyɔkuo no.

Ahyeɛso[sesa]

Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no hyɛ Ahafo Ano atifido fam. Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Ahafo-Ano North bɔ hyeɛ no bi ne Ahafo Ano south east ne Ahafo Ano south west a ne nyinaa nso wɔ Asante mantam no mu wɔ Ghana. Ɛsiane sɛ Asante mantam no ne Ahafo mantam no na ɛbɔ hyeɛ no nti, Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no ne abatoɔ mpesua a ɛwɔ Asante mantam no mu a ɔne Ahafo mantam no na ɛbɔ hyeɛ, nti sɛ wofiri Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no so a, na worekɔ Ahafo mantam no mu. Ahafo Ano North abatoɔ mpesua no ahenkuro ne Tepa a wɔne Ahafo mantam no nkuro bi te sɛ Bechem, Hwidiem, Bomaa na ɛbenbɛn.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Bere Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
1992 George Kwasi Adjei Annim EGLE
1996 Baffour Annor National Democratic Congress
2000 Kwame Owusu Frimpong New Patriotic Party
2008 Richard Akuoko Adiyiah New Patriotic Party
2012 Akwasi Adusei National Democratic Congress
2016 Sanid Suleman Adamu New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ahafo Ano North
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Richard Akuoko Adiyiah 16,029 51.5
National Democratic Congress D.K. Addai-Amankwah 14,641 47.0
People's National Convention Attah Sampson 335 1.1
Convention People's Party Joseph Akpabli 116 0.4
Abatoɔ dodoɔ 1,388 4.5

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/List_of_Ghana_Parliament_constituencies