Richard Akuoko Adiyiah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Richard Akuoko Adiyiah (20 Ɔpɛpɔn 1955 – 30 Ɔpɛpɔn 2022) yɛ Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ mmrahyɛbaguani a ɔwɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 5 a ɛwɔ ɔman a ɛto so 4 no mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Adiyiah wɔ 20 Ɔpɛpɔn 1955. Ɔfiri Dwaaho a ɛwɔ Ashanti Mantam mu, Ghana. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Opoku Ware Sukuu mu na ɔsan nso nyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Ɔman Adwumayɛ mu wɔ Kennedy Sukuu a ɛwɔ Aban mu wɔ Harvard Sukuupɔn mu . Ɔsan nso kɔɔ Yale Sukuu a Ɛhwɛ Adwumayɛ So wɔ New Haven .

Adwuma[sesa]

Na Adiyiah yɛ Sikasɛm sohwɛfo. Na ɔyɛ Amanaman Nkabom no Observer Mission in Georgia (UNOMIG) no Sikasɛm sohwɛfo Panyin. Akyiri yi ɔyɛɛ Sikasɛm sohwɛfo wɔ GIHOC Distilleries Company Limited. Wɔpaw no sɛ Produce Buying Company no sohwɛfo panyin.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Adiyiah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Wɔ December 2008 mu no, ɔsii akan wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔdii nkonim wɔ Ahafo Ano Atifi fam atenaeɛ no mu denam abatoɔ 16,080 a ɔnyaeɛ wɔ abatoɔ 31,196 mu. Ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Ahafo Ano North atenaeɛ firi afe 2008 kɔsi afe 2012.

Ankorankoro asetra[sesa]

Adiyiah waree na ɔwɔ mma baanan. Na ɔyɛ Kristoni na na ɔyɛ Light House Church International no muni.

Owuo[sesa]

Adiyiah wui wɔ ne tenabea wɔ 30 September 2022, bere a na wadi mfe 67.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]