Twifo-Atti Morkwa ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no ho.Ɛde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no na eyi mmarahyɛbadwani baako. Twifo-Atti Morkwa mpasua no wɔ Twifo-Atti Morkwa mansini a ɛwɔ Mfinfini Mantam wɔ Ghana.
Mpasua no ne Upper Denkyira East 'Municipality ' na ɛbɔ hyeɛ wɔ n'atifi fam, Hemang Lower Denkyira wɔ n'anaafoɔ fam, Wassa East wɔ n'atɔeɛ fam ne afei Assin North 'Municipality ' ne Assin South mansini no wɔ n'apueɛ fam.