Asunafo South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Asunafo South
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MantamAhafo Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPEric Opoku

Asunafo South (About this soundsɛnea yɛbɔ "Asunafo South" ) abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua a ɛwɔ ɔman Ghana mu, abatoɔ mpesua a ɛne Asunafo South abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Asunafo North abatoɔ mpesua no. Asunafo South abatoɔ mpesua no wɔ Ahafo mantan no mu a nkane no nka ɛwɔ Bono-Ahafo mantam no mu de bɛsi sɛ abatoɔ kɔmisa kyekyɛɛ mantam ahodoɔ mu bio na ɛmaa Asunafo South abatoɔ mpesua no kɔdii Ahafo mantam.

Asunafo South abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no yɛ akonnwa a amannyɔkuo akɛseɛ ammienu a ɛwɔ Ghana ha no mu biara, mekyerɛ ɔsono amannyɔkuo New Patriotic Party (NPP) ne kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress (NDC) mmienu no nyinaa atena so pɛn.

George Boakye yɛ saa mpɛsoa no so mmarahyɛbedwanii. Ɛnam ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" (NPP) so na wɔn too aba yii no. Na ɔnyaa mma.no mu ahannsia ne aduonum mmiɛnsa (653) [1] Na ɛno na ɛyɛ mma dodoɔ a ɛma no bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii.[2] Ɔdii Eric Opoku a na ɔyɛ anamsini ma saa mpɛsoa no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ berɛ a ɔnam kyineeɛ amanyɔkuo (NDC) "National Democratic Congress" so dii nkunim.

Beaɛ a mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008
  2. https://web.archive.org/web/20120423062824/http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php