Nkoranza North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nkoranza North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniNkoranza District
MantamBono East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPJoseph Kwasi Mensah

Nkoranza North (About this soundsɛnea yɛbɔ "Nkoranza North" ) yɛ mpɛsuasoɔ no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔtoo aba yi mmarahyɛbadwani baako a odii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Nkoranza North wɔ Nkoranza Mansini a ɛwɔ Bono East Mantam wɔ Ghana.[1]

Nkoranza Atifi mpɛsua a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam.

Wɔtee mpɛsua no wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mu a na Derek Oduro na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono amanyɔkuo(NPP) no wɔ Nkoranza mansini no mu wɔ Bono Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana.

Wɔtee akonnwa no titiri Ghanaman mmarahyɛbadwam abatoɔ a wɔtoo no wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mu a Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no adi so afiri saa berɛ no bɛsi ɛnnɛ berɛ yi.

Abatoɔ a an ɛtɔ so mmienu a wɔtoo no wɔ Ɔbɛnem bosom da a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ afe mpem mmienu ne nson (March 13 2007) mu a Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no anamsini Derek Oduro nyaa mma no mu dodoɔ a ɔde dii nkonim wɔ akonnwa no so.[2]

Ɛhyeɛ[sesa]

Akonnwa no wɔ Nkoranza Mansini a ɛwɔ Bono Apuei Mantam wɔ Ghana. Ɛkata Atifi mansini fam. Atɔeɛ fam no yɛ Nkoranza Anafo mpɛsua. Atɔeɛ hyeɛ no yɛ Techiman Atifi mpɛsua a ɛwɔ Techiman mansini no mu. Atifi fam no yɛ Kintampo Anafo mpɛsua a ɛwɔ Kintampo Anafo mansini no mu ɛna Pru mpɛsua no nso wɔ Pru mansini a ɛwɔ Atifi Apuei fam. Atebubu Amantin mpɛsua a ɛwɔ Atebubu-Amantin mansini no mu na ɛtee Apuei hyeɛ no. Ejura Sekyedumase mpɛsua a ɛwɔ Ejura/Sekyedumase mansini no mu wɔ Asante Mantam na ɛtee Atɔeɛ Apuei hyeɛ no.

Abakwasɛm[sesa]

Ghana aban kominsan dii kan tee mpɛsua no wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mu a ɛnnɛ mmerɛ yi mpɛsua aduonu nkron (29) na abɛka ho ama mpɛsua no akɔ sor afiri ahanu (200) kɔsi ahanu ne aduasa (230).

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Mfe mpem mmienu ne nan (2004) mu na wɔtee mpɛsua no.

Wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ no Eric Amoateng na na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no.

Wɔ mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ no Derek Oduro na na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de.ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no.

Abatoɔ[sesa]

Mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghanaman Mmarahyɛbadwam abatoɔ.[3]

Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no anamsini Derek Oduro nyaa mma no mu mpem nkron ahanu ne dubaako (9,211) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum baako akyiri pɔ nwɔtwe (51.8%).

Kyinie amanyɔkuo (NDC) no anamsini Kwadwo Agyei Dwomor so nyaa mma mpem nwɔtwe ɔha ne aduanan mmienu (8,142) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan num akyiri pɔ nwɔtwe (44.8%).

Amayaw Yahaya a na ɔyɛ anamsini de ma Akokɔ amanyɔkuo (CPP) no nyaa mma ahanan ne dunum (415) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu akyiri pɔ mmiɛnsa (2.3%).

Osei Bonsu Jnr a na ɔyɛ anamsini de ma DPP amanyɔkuo no annya amma no bia.

Mma dodoɔ: Mpem mmiɛnsa ahanson ne aduanan mmienu (3,742) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunkron akyiri pɔ nwɔtwe (19.8%).

Nkoranza North abatoɔ a ɛtɔ so mmienu, mfe mpem mmienu ne nson (2007).[2]

Derek Oduro na na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no wɔ mfe mpem mmienu ne nson (2007) abatoɔ a awɔtoo no bio no, ɔnyaa mma mpem du ɔha ne aduoson nkron (10,179) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa akyiri pɔ nson (63.7%).

Kofi Amoako-Gyambah na na ɔyɛ anamsini ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ mfe mpem mmienu ne nson (2007) abatoɔ wɔtoo no bio no, ɔnyaa mma mpem num ahansia ne aduokron nan (5,694) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa num akyiri pɔ nsia (35.6%).

Osei Bonsu Jnr na na ogyina mu ma DPP amanyɔkuo no wɔ mfe mpem mmienu ne nson (2007) abatoɔ a wɔtoo no bio no, ɔnyaa mma ɔha ne aduonu mmienu (122) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ nson (0.7%).

Mma dodoɔ: Mpem nan ahanan ne aduowɔtwe num (4,485) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nwɔtwe akyiri pɔ baako (28.1%).

Nimpa a wɔtoo aba no: Mpem dunkron ahanan ne aduokron (19,490) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe akyiri pɔ num (80.5%).

Mfe mpem mmienu ne nan (2004) Ghanaman Mmarahyɛbadwam abatoɔ.[4]

Mfe mpem mmienu ne nan (2004) Ghanaman Mmarahyɛbadwam abatoɔ no Eric Amoateng na na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no, ɔnyaa mma mpem nkron ɔha ne aduanan nan (9,144), sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduanan nwɔtwe akyiri pɔ nan (48.4%).

Mfe mpem mmienu ne nan (2004) Ghanaman Mmarahyɛbadwam abatoɔ no Francis Hayford Amoako na na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no, ɔnyaa mma mpem num ahanan ne mmienu (5,402) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduonu nwɔtwe akyiri pɔ nsia (28.6%).

Mfe mpem mmienu ne nan (2004) Ghanaman Mmarahyɛbadwam abatoɔ no, Prince Adjei Ofosu na na ogyina mu ma Ɔdeneho amanyɔkuo (Independence) no, ɔnyaa mma mpem nan ahasa ne aduonum nan (4,354) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu mmiɛnsa akyiri pɔ ohunu (23.0%). Mma dodoɔ: Mpem mmiɛnsa ahanson ne aduanan mmienu (3,742) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunkron akyiri pɔ nwɔtwe (19.8%).

Hwɛ bio[sesa]

  • List of Ghana Parliament constituencies

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/1078-bono-east-officially-created-techiman-is-capital-president-akufo-addo
  2. 2.0 2.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=120762
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=159
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2004/parliament.constituency.php?ID=88