Joseph Kwasi Mensah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon
Joseph Kwasi Mensah
Member of the Ghana Parliament
for Nkoranza North Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Joseph Kwasi Mensah

18 November 1962 (1962-11-18) (age 61)
Manso
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
CommitteesMembers Holding Offices of Profit Committee, Constitutional, Legal and Parliamentary Affairs Committee

Joseph Kwasi Mensah (wɔwoo no 18 Obubuo 1962) yɛ Ghana amanyɔni a mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana.[1][2]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Joseph Kwasi Mensah na ofiri Manso wɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana. Joseph Kwasi Mensah nyaa ne Mfitiaseɛ Nhomasua (Basic Education) wɔ afe 1975 mu a ɛmaa ɔtumi nyaa ne Mfinimfini Sukuu Awieeɛ Abodin krataa (Middle School Leaving Certificate - MSLC) wɔ afe 1979 mu, O-Level adansedie krataa (GCE Ordinary Level) wɔ afe 1989 mu ne O-Level adansedie krataa (GCE Advanced Level) wɔ afe 1990. Afei ɔkɔɔ so nyaa ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛ (Teacher Training) wɔ afe 1984 mu, Diploma wɔ Adwumayɛ Nhomasua mu (Akontaabuo ne Nkontaabuo) - (Diploma in Business Education (Accounting & Mathematics) wɔ afe 1998 mu, Nhomasua mu Bachelor(B.Ed.) - (Akontaabuo ne Nkontaabuo) - (Bachelor of Education(B.Ed.) - (Accounting & Mathematics)) wɔ afe 2000 mu.[3][4]

Adwuma[sesa]

Joseph Kwasi Mensah yɛ adwuma sɛ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) no Kurowpɔn Mfinimfini Akontaabufo (Municipal Internal Auditor) wɔ Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoaBono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana. Joseph Mensah nso reyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwani ma Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoaBono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana.[3][4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Joseph Kwasi Mensah sii akan na odii nkonim wɔ NDC mmarahyɛ badwa primaries mu maa Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoaBono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana. Joseph Kwasi Mensah dii nkonim bio wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) tekiti so a onyaa amba 15,124 (57.9%) de kɔkaa Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin no ho tiaa Derrick Oduro (Major Rtd.) a ɔfiri Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) a wonyaa abatow 10,978 (42.1%).[5][6][7][8][9]

Boayikuw ahorow[sesa]

Joseph Kwasi Mensah yɛ Asɔremma a Wɔkura Mfaso Boayikuw no Dwumadibea ahorow (Members Holding Offices of Profit Committee) no muni na ɔsan yɛ Ɔman Mmara, Mmara ne Mmarahyɛ Badwa Nsɛm Boayikuo (member of Constitutional, Legal and Parliamentary Affairs Committee) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) no muni.[3]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Joseph Kwasi Mensah yɛ Kristoni.[3][4]

Adɔeyɛ[sesa]

Joseph Kwasi Mensah de dan mu nneɛma a ne boɔ yɛ GHC75,000 maa mfitiaseɛ sukuu ahodoɔ (basic schools) a ɛwɔ ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa) a ɛwɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana.[10][11][12] Ɔsan de aduruyɛ nnwinnade pii (large quantity of medical equipment) maa Ɔmantam Akwahosan Dwumadibea (District's Health Directorate) a ɛwɔ ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa) a ɛwɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana.[13] Joseph Kwasi Mensah de semɛnte (cement) nkotoku aduonum (50) maa Dromankese sɛ wɔmfa nsi mpɔtam hɔ mfiridwuma sukuu (community's technical school) wɔ ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Nkoranza Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa) a ɛwɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana.[14][15]

Ntotoho[sesa]

  1. "Hon. Joseph Kwasi Mensah presents 50 bags of cement to Dromankese". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-01-19.
  2. "Nkoranza North: Deputy Defence Minister loses to NDC's Kwasi Mensah". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-01-19.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-28.
  4. 4.0 4.1 4.2 "Mensah, Kwasi Joseph". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-28.
  5. "Nkoranza North: Deputy Defence Minister loses to NDC's Kwasi Mensah". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-28.
  6. FM, Peace. "2020 Election - Nkoranza North Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2022-08-28.
  7. Abedu-Kennedy, Dorcas (2020-12-09). "Regular funeral attendance boosted my victory over NPP's Derek Oduro– NDC MP-elect". Adomonline.com (in American English). Retrieved 2022-08-28.
  8. ANKIILU, MASAHUDU (2020-12-08). "Major Parliamentary Winners and Losers of Ghana Election". African Eye Report (in American English). Retrieved 2022-08-28.
  9. "Full list of new MPs entering Ghana's eighth Parliament". myinfo.com.gh (in British English). 2020-12-11. Retrieved 2022-08-28.
  10. Asare, Ezekiel. "Nkoranza North Constituency now working under Hon. Joseph Mensah". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-28.
  11. "Hon. Joseph Kwasi Mensah donates furniture worth GHC75,000 to basic schools in Nkoranza North in 2022 | Education office, Donate furniture, Hon". Pinterest (in English). Retrieved 2022-08-28.
  12. "WhogLocal". whoglocal.com. Retrieved 2022-08-28.
  13. "Nkoranza North MP donates medical equipment to District's Health Directorate". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-28.
  14. "Hon. Joseph Kwasi Mensah presents 50 bags of cement to Dromankese". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-28.
  15. "Hon. Joseph Kwasi Mensah presents 50 bags of cement to Dromankese". Ground News (in English). Retrieved 2022-08-28.