Upper Denkyira East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
| Upper Denkyira East | |
|---|---|
| Mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam | |
| Mansini | Upper Denkyira District |
| Mantam | Central Region of Ghana |
| Mprenpren mpɛsoa | |
| Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
| MP | Nana Amoakoh Gyampa |
Upper Denkyira East (
pronunciation of "Upper Denkyira East" (help·info))ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no ho.Ɛde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no na eyi mmarahyɛbadwani baako. Upper Denkyira East mpasua no wɔ Upper Denkyira East mansini a ɛwɔ Mfinfini Mantam wɔ Ghana.
Ɛhyeɛ
[sesa]Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinara wɔ Upper Denkyira Mansini mu wɔ Mfinfini Mantam wɔ Ghana.
Abakɔsɛm
[sesa]Na mpasua no ne Upper Denkyira mpasua no bere bi a atwam. Ansa na wɔrebɛto afe 2004 mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no, Ghana Abatoɔ Kuo no hyehyɛɛ mpasua afoforɔ eduonu-akron(29). Na Upper Denkyira West ka saa mpasua yi ho na woyi firii Upper Denkyira mpasua no mu. Eyi maa ɛkaa fa a esua no, na ɛno bɛyɛɛ Upper Denkyira East mpasua.
Mmarahyɛbadwafoɔ
[sesa]| Upper Denkyira mpasua | ||
| Abatoɔ | Manyɔni | Amanyɔkuo |
|---|---|---|
| 1992 | Kwaku Addai-Gyambrah | National Democratic Congress |
| 1996 | Charles Omar Nyanor | New Patriotic Party |
| 2004 | Benjamin Kofi Ayeh | New Patriotic Party |
| Upper Denkyira East mpasua | ||
| Abatoɔ | Manyɔni | Amanyɔkuo |
| 2004 | Benjamin | New Patriotic Party |
| 2008 | Nana Amoakoh | New Patriotic Party |
Abatoɔ
[sesa]Wɔ Ayɛwohomumu 29,2004, Benjamin Kofi Ayeh a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni no de mma a wɔtoe wɔ abatoɔ no mu no mu 20,899 dii akansifoɔ mmiɛnsa so nkunim. Osii Charles Omar Nyanor a ɔno nso yɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni anan. Ɔkɔɔ so dii diberɛ no wɔ afe 2004 mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no akyi wɔ berɛ a wɔhyehyɛɛ Upper Denkyira West mpasua no.
Woyii Nana Amoakoh, mmarahyɛbadwani ma mpasua no mprenpren yi wɔ afe 2008 mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no mu.