Oforikrom (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Oforikrom
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKumasi Metropolitan District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPEmmanuel Marfo

Oforikrom Municipal (About this soundsɛnea yɛbɔ "Oforikrom" ) abatoɔ mpesua yɛ abatoɔ mpesua a ɛwɔ Asante mantam no mu baako wɔ Ghana.[1][2][3][4] Nkane no na abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua ahodoɔ a na ɛkabɔm ma yɛnya Kumasi Metropolitan Assembly no ho bi de kɔsi ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu a wɔte no ho a, ɛkyire yi no, yɛpagyaa mu maa no bɛnyaa municipal ahyɛnsodeɛ a ɛno ho nti ɛnɛ yɛfrɛ no Oforikrom Municipal mansini no. Ashanti mantam no mfimfini pɛɛ na wobɛhunu Oforikrom Municipal mansini no, na wɔn ahenkuro ne Oforikrom a ɛwɔ Kumase.[5][6]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Owura Emmanuel Marfo na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma Oforikrom abatoɔ mpesua no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu, na ɔnam NPP ɔsono amannyɔkuo no so na ɛkɔɔ mmarahyɛbadwam kɔsii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Oforikrom abatoɔ mpesua no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.[7] Wɔtoo aba de maa no wɔ ayɛwohomunɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mu sɛ ɔnsane nkɔgyina bio ma yɛnto ne so aba sɛ mmarahyɛbadwani bio na ɔnkɔsi Oforikrom abatoɔ mpesua no a ɛwɔ Asante mantam no anan mu wɔ Ghana.[8] Owura Emmanuel Marfo yɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma nsia. ɔfiri Bonwire a ɛno nso wɔ Asante mantam no mu wɔ Ghana.[9]

Mmeaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ abatoɔ mpesua no mu[sesa]

Oforikrom abatoɔ mpesua no yɛ mpesua a wɔwɔ mmeaeɛ ahodoɔ pii a ɛhia sɛ yɛhyɛ no nso. ɛwɔ mmeaeɛ bi te sɛ suapɔn, agodibea, baabi a mmɔfra di agorɔ ne deɛ ɛkeka ho.

KWAME NKRUMAH suapɔn no yɛ suapɔn kɛseɛ a ɛwɔ Asante mantam no mu a ɛwɔ Oforikrom abatoɔ mpesua no so. Kwame Nkrumah suapɔn no adi mfie aduoson (70).[10] Asantehene King Osei Tutu II na ɔyɛ panin pa ara a suapɔn yi hyɛ ne nsa, ɔno n'asaase so na suapɔn yi si. Awuraa Prof Rita Akosua Dickson nso ne panin a sɛ wokɔ suapɔn mu hɔ a ɔda ano hyɛ suapɔn no ntotoeɛ so.[11]

Babia Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. "New Districts & Nominated DCEs" (PDF). ghanadistricts. Archived from the original (PDF) on 5 Mar 2013.
  2. "All Districts". ghanadistricts. Retrieved 8 June 2018.
  3. "Districts of Ghana". statoids. Retrieved 8 June 2018.
  4. https://www.mofep.gov.gh/sites/default/files/composite-budget/2020/AR/Oforikrom.pdf
  5. "Ghana Districts: A repository of all Local Assemblies in Ghana". ghanadistricts.gov.gh. Retrieved 2021-03-01.
  6. "Oforikrom MCE inaugurates 3-unit Classroom block for Appiadu RC JHS". Graphic Online. Retrieved 2021-03-01.
  7. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh.
  8. "NPP Parliamentary Primaries: The winners and losers". MyJoyOnline.com. 2020-06-20. Retrieved 2020-07-05.
  9. https://en.wikipedia.org/wiki/Emmanuel_Marfo
  10. Agyekum, Kofi; Simons, Barbara; Botchway, Seth Yeboah (30 November 2018). "Factors influencing the performance of safety programmes in the Ghanaian construction industry". Acta Structilia. 25 (2): 39–68. doi:10.18820/24150487/as25i2.2. ISSN 1023-0564.
  11. https://en.wikipedia.org/wiki/Kwame_Nkrumah_University_of_Science_and_Technology