Manso Nkwanta (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Manso Nkwanta
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAmansie West District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPJoseph Albert Quarm

Manso Nkwanta (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua) Manso Nkwanta (About this soundpronunciation of "Manso Nkwanta" ) yɛ mpɛsuasoɔ no mu baako a ɛwɔ Mmarahyɛbadwam wɔ Ghana. Wɔtoo aba yi Mmarahyɛbadwani baako ma no dii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Manso Nkwata wɔ Amansie Atɔe Mansini a ɛwɔ Asante MantamGhana.[1]

Ɛhyeɛ ne Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Akonnwa no wɔ Amansie Atɔe Mansini a ɛwɔ Asante MantamGhana. Mfe mpem mmienu ne aduonu (2020) mu na wɔtoo aba yi George Kwabena Obeng Takyi a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no.[1]

Abatoɔ[sesa]

Ghanani Mmarahyɛbadwam Abatoɔ, mfe mpem mmienu ne dunsia (2016). Manso Nkwanta.

Ɔsono manyɔkuo (NPP) no anamsini wɔ Mmarahyɛbadwani Joseph Albert Quarm nyaa mma no mu mpem aduasa mmienu ɔha ne aduanan (32,140) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe mmienu akyiri pɔ aduasia mmiɛnsa(82.63%).

Kyinie amanyɔkuo (NDC) no anamsini wɔ Mmarahyɛbadwani Alex Kwame Bonsu nso nyaa mma no mu mpem num ahanum ne mmiɛnsa (5,503) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunan (14.26%) akyiri pɔ aduonu nsia.

IND anamsini wɔ Mmarahyɛbadwani Afranie Micheal nyaa mma no mu ahanum ne aduosia(560) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ aduanan num(1.45%).

UFP anamsini wɔ Mmarahyɛbadwani Osei Micheal nso nyaa mma no mu ɔha ne aduosia mmienu (162) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduanan mmienu (0.42%)

Osei Coffie Isaac a na ɔyɛ PPP anamsini wɔ Mmarahyɛbadwam nso nyaa mma no mu ɔha aduonu mmiɛnsa (123) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduasa mmienu (0.33%).

Nyarko Veronica a na ɔyɛ PNC anamsini wɔ Mmarahyɛbadwam nso nyaa mma no mu aduosia nwɔtwe (68) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ dunwɔtwe (0.18%).

Fosuah Rita a na ɔyɛ GCPP anamsini wɔ mmarahyɛbadwam no nyaa mma aduanan nan (44) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ dubaako (0.11%).[1]

Hwɛ bio[sesa]

  • List of Ghana Parliament constituencies
  • List of political parties in Ghana

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 [1] FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Manso Nkwanta Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-10.