Akrofuom (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akrofuom
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniObuasi Municipal District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPAlex Blankson

Akrofuom ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Akrofuom abatoɔ mpesua no wɔ Obuasi mansini abatoɔ mpesua kɛseɛ no mu a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwam akonnwa abatoɔ mu no na wɔtee mpesua no.

Ɛhyeɛ[sesa]

Akonnwa no wɔ mansini adantam mansini a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana.

Abakɔsɛm[sesa]

Abatoɔ kɔmisa ne nnipa afoforɔ bɛyɛ aduonu nkron na wɔdiikan sii saa mpɛsoa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan a ɛtumi tuu mpɛsoa ahodoɔ nom firii ahanu de kɔsi ahanu ne aduasa.[1] Akrofuom abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua aduanan nson a ɛwɔ Asante mantan no mu no ho. Nkane no na Akrofuom abatoɔ mpesua no ka Adansi south abatoɔ mpesua no ho wɔ ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so du-nson wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu de kɔ si ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu na abatoɔ kɔmisa no tete abatoɔ mpesua no mu maa Akrofuom firii Adansi south mansini no abatoɔ mpesua no mu. Akrofuom abatoɔ mpesua no ahenkro ne Akrofuom.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu a wɔtee Akrofuom abatoɔ mpesua no, na ɛho abɛhia sɛ wɔyi wɔn mmarahyɛbadwani ma no kɔ si wɔn abatoɔ mpesua no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de Owura Kwabena Appiah Pinkrah na ɛbɛgyinaeɛ sɛ wɔn anan mu si ni. Abatoɔ no baa awieɛ no na Owura Kwabena Appiah Pinkrah adi nkunim wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu a ɔno ne nipa a ɔdii kan kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ Akrofuom manfoɔ no din mu.

Abatoɔ Ɛkuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Mpɛsoa a wɔteeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Kwabena Appiah Pinkrah Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Abatoɔ[sesa]

Afeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ: Akrofuom

Afeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwam akonnwa abatoɔ mu wɔ Akrofuom abatoɔ mpesua so no, Ghana amannyɔkuo akɛseɛ mmienu no nyinaa de wɔn ananmusini kɔeɛ. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party ananmusini a wɔde no baeɛ ne owura Kwabena Appiah Pinkrah. Abatoɔ no baa awieɛ no na owura Kwabena Appiah Pinkrah anya mma no mu Mpem du, aha nnwɔtwe ne nnwɔtwe (10,808), a sɛ yɛde kɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduoson ne akyire pɔ nan (70.4%). Owura Kwabena Appiah Pinkrah de mma Mpem du, aha nnwɔtwe ne nnwɔtwe (10,808) na ɛdii nkunim wɔ Akrofuom abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

wɔ saa abatoɔ korɔ no ara mu nso no Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress nso ananmusini a wɔde no bae ne Owura Joseph Kwaku Abim. Abatoɔ na baa awieɛ no, abatoɔ nsunsuansoɔ a abatoɔ kɔmisa de bae no kyerɛɛ sɛ, Owura Joseph Kwaku Abim abɔ ne ho mmɔden kakra anya mma no mu Mpem nan, ahanum ne aduasa num (4,535), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nkron ne akyirepɔ nsia (29.6%). , Owura Joseph Kwaku Abim abɔ ne ho mmɔden kakra anya mma no mu Mpem nan, ahanum ne aduasa num (4,535) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Akrofuom abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

2004 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:Akrofuom
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Kwabena Appiah-Pinkrah 10,808 70.4 N/A
National Democratic Congress Joseph Kwaku Abim 4,535 29.6 N/A
Abatoɔ dodoɔ 6,273 40.8 N/A
  1. FAQ's". Parliament of Ghana. Archived from the original on 2007-09-27. Retrieved 2007-07-26.
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Akrofuom_District