Atebubu-Amantin (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Atebubu-Amantim
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MantamBono East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPSanja Nanja

Atebubu-Amantin(About this soundsɛnea yɛbɔ "Atebubu-Amantin" ) mpɛsoa a ɛwɔ Atebubu-Amantin mansini a na ɛyɛ Atebubu mansini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa nom.[1] "Legislature instrument L1 1770" na ɛtee Atebubu-Amantin mpɛsoa no. Wobɛhunu mpɛsoa no wɔ Bono apueɛ mantam, a na ɛka Bono-Ahafo mantam Ghana.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Emmanuel Owusu-Mainu na na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no aberɛ a ɔtee mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu wieeɛ no. Wɔtoo no so aba yii no mprenu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan ne mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom.[3] Na ɛnam kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no ɔdii nkunim a ɔnyaa mma mpem ahaasa,ɔha mmiɛnsa ne aduokron num a ɛyɛ mma dodoɔ.[4] Ɛnam saa nti ɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so nan ne num wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana. Sanja Nanja a na ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress dii Emmanuel Owusu-Mainu n'adeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mmarahyɛbedwam abatoɔ berɛ wɔsɛe mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so num wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.[3] Ɔsane nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so nsia wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana nom.[5] Ɛno akyire na ɔgyinaa hɔ maa Atebubu-Amantin mpɛsoa sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ nson wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. THE COMPOSITE BUDGET OF ATEBUBU AMANTIN DISTRICT ASSEMBLY FOR THE 2015-2017 FISCAL YEAR (PDF). Atebubu-Amantin District Assembly. 2015. pp. 3, 4.
  2. Bureau, Communications. ""Bono East Officially Created; Techiman Is Capital" – President Akufo-Addo". presidency.gov.gh. Retrieved 2020-08-18
  3. 3.0 3.1 Results Parliamentary Elections". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-07-03.
  4. MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008
  5. FM, Peace. "Parliament - Brong Ahafo Region Election 2016 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-07-03.