Sanja Nanja

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sanja Nanja
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageSanja Nanja Sesa
given nameSanja Sesa
family nameNanja Sesa
date of birth3 Ogyefuo 1968 Sesa
place of birthSaboba Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Konkomba Sesa
occupationAmanyɔni, educator Sesa
position heldMember of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana Sesa
work locationBono East Region Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Sanja Nanja yɛ Ghanani a wɔwoo no Ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so mmiensa, wɔ afe apem ahankron aduosia nnwɔtwe mu (born February 3, 1968). Ɔyɛ amannyɔni a ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a wɔtɔ so nwɔtwe no ho wɔ Ghana kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu, ɔno na ɔyɛ ananmusini de ma Atebubu Amantin abatoɔ mpesua no so a wɔwɔ Bono East mantam no mu. Amannyɔkuo a ɔdɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress.[1][2]

Ɔbra ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

wɔwoo Nanja wɔ Ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so mmiensa, wɔ afe apem ahankron aduosia nnwɔtwe mu (born February 3, 1968). Ɔfiri kuro a yɛfrɛ no Saboba a, ɛwɔ Atifido mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu.[3] Ɔnyaa n'abɔdin krataa wɔka no borofo mu sɛ Bachelor of Arts in Sociology and History ɛfirii Ghana suapɔn a wɔfrɛ no University of Ghana wɔ afe mpem mmienu ne num mu (2005).[1] Nanja yɛ kristoni a ɔne Assemblies of God asafo no na ɛsom bɔm. Waware a ɔwɔ mma num.[1]

Amannyɔsɛm[sesa]

Amannyɔkuo a Nanja dɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress (NDC). Wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu mu no (2012), ɔgyina maa yɛtoo ne so aba sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Atebubu Amantin abatoɔ mpesua no so wɔ Amannyɔkuo National Democratic Congress (NDC) din mu wɔ mmarahyɛbadwakuo a na ɛtɔ so nsia no mu na ɔdii nkunim.[1] Wɔtoo aba no wieɛ no ɔnyaa mma no mu mpem du-nsia ne ahankron aduosia nnan (16,964), nnipa dodoɔ a wɔtoo aba wɔ saa abatoɔ mpesua no so saa berɛ no na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduasa nan, ahanan ne du-baako (34,411) a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nkron ne akyiripɔ aduasa (49.30%).[4] Nanja antumi anyina amma yɛanto ne so aba bio sɛ mmarahyɛbadwani ma adehyeɛ a wɔwɔ Attebubu Amantin abatoɔ mpesua no so wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ no mu ɛsiane sɛ na Nananom a wɔwɔ Attebubu Amantin abatoɔ mpesua no so de ɔhyɛ ato ne so abra no ɛsiane ne nsɛm bi a ɔkekaa ne wɔ kasafidie bi so a na Nananom ho no sɛ ɛyɛ atɛnnie a ɛtia ɔbaa hemaa a ɔwɔ kuro no mu.[4][5][6]

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Abadwakuo ahodoɔ pii na wadi dwuma wɔ so wɔ mmarahyɛbadwam hɔ.

Nanja ayɛ kuo ba de ama mmarahyɛbadwam abadwakuo a na wɔhwɛ mmarasɛm so (Judiciary Committee),

ɛna afei nso wasane nso ayɛ kuo ba de ama mmarahyɛbadwam abadwakuo a na wɔhwɛ nsaase ne Kwaeɛ ahodoɔ so (Lands and Forestry Committee).[3]

N'adwumayɔ[sesa]

  • Ghana Education Service (kyerɛkyerɛni, Atebubu shs), Assistant Director 11[1]
  • District Chief Executive (DCE), (Atebubu District) Ayɛwohomummɔ bosome no da a ɛtɔ so nson (May 7), wɔ afe mpem mmienu ne nkron mu (2009) de kɔ si - ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so nson (January 7), wɔ afe mpem mmienu ne du-mmiensa mu (2013)[1]
  • Educationist[1]

Baabi a Menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 MPs (in American English), retrieved 2023-05-20
  2. Surprises in B/A Parliamentary contest (in British English), 2012-12-18, retrieved 2023-05-20
  3. 3.0 3.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-05-20
  4. 4.0 4.1 "Sanja Nanja", Wikipedia (in English), 2023-02-01, retrieved 2023-05-20
  5. Godwin Akweiteh Allotey (2016-12-08), Sanja Nanja fails to recapture Atebubu-Amantin seat (in American English), retrieved 2023-05-20
  6. Atebubu NDC defies chiefs, elects Sanja Nanja as Parliamentary Candidate (in English), 2019-08-27, retrieved 2023-05-20