Ɛtɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɛtɔ(About this soundpronunciation of "Ɛtɔ" ) yɛ Ghana aduane a wɔde bayerɛ yɛ. Wɔ Ghana man mu no, ɛyɛ nea Akanfo yɛ ɛtɔ bere a obi redi n'awoda.[1] Sɛnea abrɔfo mman mu no wɔde kaake di awoda no, Akanfo yam bayerɛ wo asanka anaa ayewa mu na wɔde nkesua aka ho.[1]

Sɛnea wɔnoa no[sesa]

Wobehia bayerɛ,ngwo, gyeene, anwa,mako ne nkesua. Di kan sensene wo bayerɛ no.[1][2] Twa mu nketewaa na fa nsu hohoro. Fa bayerɛ no gu kyɛnsee mu, fa nkyene kakraa ne nsu gu kyɛnsee no mu na fa si agya so. Hohorow wo nkesua no ho na fa gu nsu no mu.[3] Kata kyɛnsee no so na ma ensi agya no so bɛyɛ sima dunum. Hwɛ sɛ bayerɛ no aben na hwie nsu no fi ho.[2][3]

Afei fa kyɛnsee ketewaa na hwie ngwo kakraa gu mu.[1][2][3] Fa gyeene kakraa ka ho na kyew ngwu no mu. Yi ɛno nso fi agya no so si kyɛn. Tam wo ayewa anaa asanka na twi wo mako, gyeene a aka ne aanwo no kosi sɛ ɛbɛfe.[1][3] Fa wo bayerɛ no gu asanka no mu na yam ɛno nso. Yam kosi sɛ ɛbɛyɛ fokɔfokɔ.

Sesei wobetumi de wo ngwo aka bayerɛ a w'ayam no ho. Fa ngwo no ka ho nkakra nkakra na fa wo apotoyewa no fra. Sɛ ngwo no fra bayerɛ no a wobetumi de wo nkesua a w'ahwane ho agu wo bayerɛ no so.[2][3]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 https://biscuitsandladles.com/yam-eto-baayer-eto-%C9%9Bto/#.YQB75o77TDc
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://www.196flavors.com/ghana-etor/
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 https://www.africanvibes.com/recipes/ghanaian-eto-i-mashed-plantains-by-nanaabas-kitchen/