Kwadwo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwadwo (About this soundpronunciation of "Kwadwo" )yɛ kradin[1] a Akanfoɔ de ma bɛrima a yɛ wo no Ɛdwoada.[1][2][3] Akanfoɔ na ɛto saa din no. Fantefoɔ twerɛ no sɛ Joojo anaa Joe, Akyem twerɛ no sɛ kojo anaa kwadwo, saa ara na Akuapemfoɔ twerɛ no.

Abakɔsɛm[sesa]

Kwadwo mmrane ne Asera anaa Okoto. Akan kradin ahorow no yɛhu no sɛ yɛ nya firii anyame bi din mu. Yɛ nyaa edin Kwadwo firii edin Koyayuda ɛne deɛ brɔfo kasa mu yɛka no (the Lord of life Firmament deity of the day Monday).[1] Kwadwo mmrane ne Okoto anaa Asera a ɛkyerɛ asomdwoe.[1] Ne nnyeso ne Adwo a ɛno nso kyerɛ asomdwoe.[1] Senea Akanfo kyerɛ no wɔn a wokura edin Kwadwo pɛ asomdwoe na wɔbɛyɛ nea wobetumi wɔ tebea biara mu na asomdwoe atena wɔne afoforo ntam.[2]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no[sesa]

Sɛ yɛ sesa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ wɔ Ɔman Ghana mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Akuapem ne Asante mu no, yɛ twerɛ din no Kwadwo ɛna Fantefoɔ nso frɛ no Kwajo, Kojo ɛne Cudjoe. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Kwadwo mmaa din a yɛde ma ɔbaa yawo no Ɛdwoada yɛ Adwoa.[1]

Mmɛrema din Mmaa din
Asante Kwadwo Adwoa
Akuapem Kwadwo Adwoa
Fante Kojo/ Kodwo/Joojo[1][3] Adjoa

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no[sesa]

Ghanafoɔ nkɔdaa pii no, wɔn awoda din ka wɔn aborɔfo din ho. Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin Kwadwo no bi ne

  • Kwadwo Asamoah (born 1985), Ghana bɔɔlbɔni.[4][5]
  • Kwadwo Nkansah (LilWin), Ghana sinitwani.[6][7]
  • Osei Kwadwo, late- Ashantehene a ɔtenaa ase 1700 mhe no mu, odii hene 1764 kosi1777.[8][9]
  • Kwadwo Osseo-Asare
  • Kwadwo Asenso Okyere[10]
  • Kwadwo Adjei-Darko[11]
  • Kwadwo Boamah[12]
  • Kwadwo Sarfo[13]
  • Kwadwo Baah Wiredu[14]
  • Kwadwo Afari-Gyan[15]


Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  2. 2.0 2.1 https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html
  3. 3.0 3.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Day-born-names-in-Dagbani-Ewe-and-Fante-797733
  4. https://www.zimbio.com/photos/Kwadwo+Asamoah/PZOxEyGqHBW/Juventus+v+FC+Copenhagen+UEFA+Champions+League
  5. https://www.sportsradiointerviews.com/kwadwo-asamoah-bio-net-worth-age-real-name-wiki-partner/
  6. https://www.zionfelix.net/police-cautions-kwaku-manu/
  7. https://www.famousbirthdays.com/people/kwadwo-nkansah.html
  8. https://www.britannica.com/biography/Osei-Kwadwo
  9. http://african-research.com/research/music/music-of-the-asante-kingdom-the-power-of-drums/
  10. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette
  11. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette
  12. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette
  13. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette
  14. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette
  15. https://playback.fm/people/first-name/kwadwo#google_vignette