Evans Bobie Opoku

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Evans Bobie Opoku
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageEvans Bobie Opoku Sesa
given nameEvans Sesa
family nameOpoku Sesa
date of birth1 Ɔpɛnimma 1974 Sesa
place of birthGoaso Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, banker Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Asunafo North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa) Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, University of Ghana, University of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian parliamentary election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Evans Bobie Opoku yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wo mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nson ne nnwɔtwe wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu, a ogyina hɔ ma Asunafo Atifi abatoɔ mpɛsoa so, a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam mu. Ogyinae wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party (NPP) din mu.

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔbra ahyɛaseɛ ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Evans Bobie Opoku wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛdi kan wɔ afe apem ahankron aduoson nan (1974) mu a ɔfiri Dadiesoaba a ɛwɔ Ahafo mantam no mu. ɔwiee ne nhyɛaseɛ sukuu wɔ (BECE) wɔ afe apem ahankron aduokron mu (1990), ɛna ɔwiee ntoasoɔ sukuu (SSSCE) nso wɔ afe apem ahankron aduokron mmiensa mu (1993). Ɔtoaa so kɔgyee ne GCE wɔ afe apem ahankron aduokron nsia mu (1996).

Afei Evans Bobie kɔgyee abodin krataa a ɛyɛ Diploma in Adult education firii suapɔn a ɛne University of Ghana mu wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu. Ɔsane nso nyaa abodin krataa foforɔ wɔ Social work  ne Psychology adesua mu wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008). Wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu mu no (2012), ɔnyaa n'abɔdin krataa foforɔ a yɔfrɛɛ no "master's degree" wɔ Development Management adesua mu firii Cape Coast suapɔn no mu ɛna ɔnyaa n'abɔdin krataa wɔ mmarasua mu (LLB in Law) nso wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mu (2020).

N'ABRABƆ[sesa]

Na Owura Evans ɛyɛ panin paa a yɛka no borɔfo mu sɛ "General manager" ɛfiri afe mpem mmienu ne du mu (2010) de kɔ si afe mpem mmienu ne du-nsia mu (2016) ɛna afei nso ɔsane nso bɛyɛɛ "Credit manager" de maa Ahafo Community Bank Limited firii afe mpem mmienu ne mmienu mu( 2002) de bɛsii afe mpem mmienu ne nsia mu (2006). Ɔsane nso bɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛni firii afe apem ahankrom aduokron nson mu de bɛ si afe apem ahankron aduokron nkron mu (1997 to 1999).