Collins Dauda

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Onionyamfoɔ
Collins Dauda
MmarahyɛbadwaniGhana Parliament ma Asutifi South
Mprenpren
Bere
Ɔpɛpɔn 7,2005
OdikanfoCecilia Djan Amoah
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1993 – Ɔpɛpɔn 7, 2001
Odikanfoconstituency created
AnanmusiniCecilia Djan Amoah
Ne ho asɛm
Awo bere13 February 1957 (1957-02-13) (age 67)
Mehame
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma11
Sukuu a w'akɔMim Secondary School
N'adwumaTeacher/Business Person
CabinetƆsoafoɔ(Lands & National Resources; Transport; Water Resources, Works & Housing & Local Government& Rural Development: 2009-2016)

Collins DaudaGhanani. Ɔsan yɛ Ɔkyerɛkyerɛni, amanyɔni ne mmarahyɛbadwani wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo mu. Na Ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ asoeɛ a ɛhwɛ Nsaase , Kwaeɛ ne fam agudeɛ nsɛm so. Seisei ɔno ne ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nsuo, Nnwuma ne Adansie nsɛm so.[1]

N'abrabɔ Ahyɛase Ne Ne Nwumasu[sesa]

Wɔwoo no Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du-mmiɛnsa, wɔ afe apem ahenkron aduonum-nson(13th February, 1957) wɔ Mehame a ɛwɔ Ahafo mantam (akane Brong Ahafo mantam). Dauda firi Maheme a ɛwɔ Ahafo mantam mu wɔ Ghana.[2][3] N'awofoɔ ne Issaka Naaba ne Mariama Issah.

His parents were Issaka. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mim na Ɔnyaa abɔdin krataa " GCE Ordinary Level and GCE Advanced Level" ɛfiri afe apem ahenkron aduoson- mmiɛnsa kɔ si afe apem ahenkron aduowɔtwe- baako(1973-1981).[2]

Adwuma[sesa]

Dauda kyerɛɛɛ adeɛ wɔ Kukuom Aworokakya ntoasoɔ sukuu( Kukuom Agricultural Senior High School) wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe-num. Wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe nsia mu na ɔkɔkaa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ Ahafoman ntoasoɔ sukuu mu, ɔtoaso kyerɛɛ Adeɛ kɔ sii afe apem ahenkron aduokron -mmienu.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Dauda bɛyɛɛ kaa nkuro nketewa amamuo ho wɔ Asutifi mansini firi afe apem.ahenkron aduoson nwɔtwe kɔ si afe apem ahenkron aduowɔtwe baako.[2] Na ɔka nnipa kuo a wɔfrɛ wɔn "Consultative Assembly", a wɔyɛɛ afe apem ahenkron aduokron mmienu Ghana mmara ɛfiri afe apem ahenkron aduokron baako de kɔ si afe apem ahenkron aduokron mmienu mu. Wɔtoo aba yii no deɛ ɛdikan sɛ mmarahyɛbadwani wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress din mu, yei maa no yɛɛ mmarahyɛbadwani a ɔdiikan wɔ Asutifi South wɔ Ghana adehyeman nnan mu. Wɔtoo aba yii no bio sɛ mmarahyɔbadwani wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no mu. Nanso wɔtoo aba tuu no firii akonwa so wɔ mfeɛ mpem mmienu mu bere a wɔde soo too ne so sɛ ɔde tumi bɔne bi akum deɛ na ɔne no repere akonwa no a wɔfrɛ no Okunini Gyan -Amoah a ɔfirii mu ade rebɛkye aman wɔakɔ to aba no.[4] Ɔsane nyaa akonwa no bio wɔ mfeɛ mmienu ne nnan mu.[5] Ɔtenaa so firii mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan mu de kɔ sii mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson mu wɔ Ghana adehyeman nnan mu. Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu ne mfeɛ mmienu ne nnan mu, bere a na ɔnni mmarahyɛbadwafie bio no, na ɔyɛ Mantam mu Titenani ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no wɔ kane Brong Ahafo Mantam mu. Firii Ɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron kɔ si mfeɛ mpem mmienu ne du -nsia mu, wɔpaa Collins Dauda sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nsaase ne Agudie nsɛm so ɛna wɔsesaa no bɛyɛɛ no ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nsuo ho nsɛm so ne Nwuma ne Adansie so. Na ɔno ne abadiekyire ma ɛkuo a wɔ hwɛ Nsaase ne Kwaeɛ panin wɔ afe apem ahenkron aduokron nnan kɔ si afe apem ahenkron aduokron nsia. Akyire ɔbɛyɛɛ ɔtitenani nii maa saa ɛkuo yi wɔ afe apem ahenkron aduokron nson de kɔ si mfeɛ mmienu. Ɔsane somm Sikasɛm ne mmabunu, agodie ne amammerɛ asoeɛ.[6] Abatoɔ

Wɔtoo aba yii Dauda ne mprensa so sɛ Mmarahyɛbadwani de ma Asutifi South abatoɔ mpasua so a na ɛwɔ Brong Ahafo mantam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ Ghanafoɔ nyinaa kɔtoeɛ no. Ɔkɔ sii ne mpasua anan mu wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana adehyeman nnan my. Ɔdii nkunim National Democratic Congress din mu.[5] Ne mpasua no ka mpasua du a National Democratic Congress amanyɔkuo no dii nkunim firii abatoɔ mpasua aduonu nnan mu no wɔ Brong Ahafo mantam mu.[7] Asutifi South abatoɔ mpasua so foɔ hunky deɛ yɛfrɛ no brɔfo kasa mu ‘skirt and blouse’ bere a deɛ Ɔdii nkunim ɔmapanin abatoɔ no wɔ yɛ John Kufour ɔgyina maa New Patriotic Party a na ɔne National Democratic Congress na,ɛrepere akonwa no.[5] National Democratic Congress amanyɔkuo no bɛyɛɛ dɔmkumaa wɔ mmarahyɛbadwafie bere a wɔnyaa mmarahyɛbadwa nkonwa aduokron nnan firii mmarahyɛbadwa nkonwa ahanu ne aduosia mu.[7] Wɔtoo aba yii Dauda bere Ɔnyaa mma no mpem ahenkron ,ahensia aduosia nwɔtwe (9,668 ) firii mma a wɔgye too mu a ne nyinaa yɛ mpem du nwɔtwe ne ahenson(18700 ) a ɛne ɔha mu abupɛn aduonum baako akyire po aduoson (51.70%) yɛ pɛ. Wɔto tiaa Thomas Broni a na ɔgyina ma New Patriotic amanyɔkuo , Nana Nsiah Ababio Williams Cosmus a na ɔgyina ma People's National Convention ne Adu Adjei Augustine a na ɔno so gyina ma Convention People's party amanyɔkuo. Wɔn nyinaa nyaa ɔha mu abupɛn aduanan nsia akyire po aduokron.(46.90%),wɔnyaa ɔha mu abupɛn baako ne akyire po aduonu (1.20%) ne 0.30% sedeɛ ɛdidisoɔ yi.wɔ mma no nyinaa mu.[8] Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ mu no, wɔtoo aba yii no ne mprenan soɔ sɛ mmarahyɛbadwani ma Asutifi South abatoɔ mpasua so. Ɔkɔɔ so gyinaa nabatoɔ mpasua anan mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnum wɔ Ghana adehyeman nnan.

Kuo na ɔka ho wɔ Mmrahyɛbɛdwafie[sesa]

Na Dauda ka kuo ɔhwɛ sikasɛm ho nsɛm wɔ mmarahyɛbadwafie ne ɛkuo a ɛhwɛ Nsaase ne Kwaeɛ so. Afei nso na,ɔka kuo a ɛhwɛ sɛ wɔbɛpaw obi ho[5]

Asɛm a Waka Afa Nyiyimu Ho[sesa]

Ɛwɔ Ɔsanaa bosomno mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia mu no, bere a Dauda rekasa kyerɛ n'aamanyɔkuo akyidifoɔ wɔ Koforidua no, ɔkaa sɛ amanyɔkuo New Patriotic Party wɔ abakwasɛm wɔ nyiyimuu ho tia nnipa a wɔte Zongo people ne" saa nti wɔmma wɔnhunu sɛ National Democratic Congress foɔ nti saa[3]"

N'abrabɔ[sesa]

Dauda aware mmaa mmienu ɛna ɔwɔ mma du-baako. Collins Dauda yɛ Kramoni.[9]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://mobile.ghanaweb.com/person/Collins-Dauda-2596
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://web.archive.org/web/20160425011627/http://ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=2693
  3. 3.0 3.1 https://www.parliament.gh/mps?mp=184
  4. https://allafrica.com/stories/200204300658.html
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/brongahafo/43/index.php
  6. "Archive copy". Archived from the original on 2019-09-04. Retrieved 2022-04-16.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. 7.0 7.1 https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/
  8. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 132.
  9. "Archive copy". Archived from the original on 2016-04-25. Retrieved 2022-04-16.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)