Ɔmanpanin (aban abodin)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔmanpanin About this soundpronounciation of "Ɔmanpanin"  yɛ nnipa tintima a ɔda Ɔman biara ano. Din a ɔde ma saa nipa yi anaa ne diberɛ tumi sesa wɔ nkuro ahodoɔ so. Ɔmanpanin yɛ edin kɛkɛ a yɛde ma obi a ɔdi kuro so wɔ repɔblics pii mu.Ɔmanpanin a ɔda ɔman so no, kasa, ɔno na ɔyɛ ti wɔ aban no ne ɔman no nyinaa.

Ɔmanpanin dwumadie sesa ɛnam ɔban korɔ a ɔwɔ mu. Sɛ wokɔ adehyeman mmarahyɛbedwam a mpempii no, nyɛ dabiara,wɔn a wɔda nkuro so no di wɔn ho so ni. Wɔ amanpain diberɛ mu no, mmarahyɛbedwafoɔ bi a wayi wɔn no(nhwɛsoɔ Botswana ne South Africa),[1][2] ne wɔn a wɔnnya mmɛyɛɛ amanpanin, Ɔmanpanin dwumadie no da nso a ɛkyerɛ (wɔ nsɛm bi mu no) dwumadie a nea ɔyɛ aban ne ti die.[3] Wɔ kaa ɛnka bi beaɛ no, nea ɔdi ekuo bi anim no wɔtumi frɛ no Ɔmanpanin.[4]

Wɔbɛtumi de abodin "Owura manpanin"[5][6] anaa Awuraa Manpanin ato obi a ɔkura abɔdin manpanin anaa sɛ ɔkura aban dwumadie bi mu. Mpempii no wɔn a wɔwɔ aban mu na ɛfrɛ obi a ɔyɛ kuro bi ti "Owura Ɔmanpanin". Ɛyɛ abodin a ɛnnyɛ borɔfo kasa nkyerɛkyerɛmu bi a yagye atom, ebi ne Monsieur le président ma French adehyeman manpanin. Ɛyɛ din bi a yɛde ma wɔn a wɔhyɛ mmara ne wɔn a wɔbu atɛn wɔ aban mu a abɛyɛ abakwasɛm ama wɔn a wɔde saa abodin no to no. Ɔkasamafoɔ ma the House of Commons of Canada nso wɔfrɛ no président de la Chamber des communes wɔ French ɛna wɔfrɛ no Mr. Speaker wɔ borɔfo kasa mu.

Hokafoɔ anaa mmaa abodin.[sesa]

Abodin a yɛde ma a ɔmanpanin yere, sɛ ɔyɛ ɔbaa a wɔfiri "Marquise" kɔ "Abaayewa" sane dekɔ "Mrs" (anaa "Ms").[7] Sɛ ɔyɛ ɔbarima a abodin a yɛde bɛma Ɔmanpanin no hokafoɔ no bɛtumi ayɛ "Marquis", "Lord", anaa "Mr" kɛkɛ.

United States.

Na wɔfrɛ Ɔmanpanin George Washington yere, Martha Washington "Lady Washington". Wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonum (1850) mu wɔ United States no, edin "Lady" sesa firi saa abodin no ho kɔɔ sɛdeɛ yɛsi frɛ ɔbaa a yɛbu no na ɔsane wɔ suban pa. Na abodin "First Lady" a na wɔde ma amanpaninfoɔ yerenom wɔ United States no gyee din wɔ berɛ a US Civil akoo no kɔ so no. Wɔ kae Dolley Madison, Ɔmanpanin James Madison yere aberɛ a Zachary Taylor kum no a ɔwui wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduanan nkron(1849) sɛ "yɛn manpanin yerɛ a ɔdikan bɛyɛ mfeɛ aduonum". [8]Wɔfrɛ amanpaninfoɔ yerenom sɛ "Mrs. na wɔde wɔn kununom din aka ho".[9]

Wɔ abɛɛfo ntentan so.[sesa]

Obubuo bosome da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(8 Nov, 2016) mu no, a ɛyɛ anadwo a wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne du nsia amanpaninfoɔ aba wɔ United States no, mfonin bi a ɛpui a na afei na wɔrebɛhoro wɔ kaseɛbɔ nkrataa mu no daa saa nkrataa no adi a wɔrehye wɔn ani sɛ Democratic anamusini Hillary Clinton na adi nkunim, a wɔtwerɛ akyire "Madam Manpanin". Ɛyɛ adeɛ a ɛnnyɛ na ma Newsweek sɛɔbɛsiesie ne ho ama amanpaninfoɔ nom biara a ɔredi nkunim, ɛwɔm sɛ wɔnyɛɛ ne nyinaa maa amansan hunuui deɛ; wɔyii ti asɛm no firi baeɛ a wɔde nkaeɛbɔ nsɛm gu no aberɛ a ani bɛdaa hɔ sɛ Donald Trump anya mma dodoɔ a ɔno na wadi nkunim wɔ abatoɔ nom no.[10]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Constitution of the Republic of South Africa, 1996 – Chapter 5: The President and National Executive". www.gov.za. 2012. Retrieved 17 April 2019
  2. Allard, P (2016). "Government social advertising and ethno-politics in a small, ethnically diverse nation". ResearchGate. p. 67. Retrieved 17 April 2019
  3. Shugart, MS (2008). "Comparative Executive–Legislative Relations". In Binder, SA; Rhodes, RAW; Rockman, BA (eds.). The Oxford handbook of political institutions (PDF). Oxford University Press. doi:10.1093/oxfordhb/9780199548460.003.0018. ISBN 978-0-199548460. Retrieved 17 April 2019.
  4. The President, Our Government". The White House. Retrieved 26 April 2021
  5. Williams, Stephen P. (2004). How to Be President. Chronicle Books. p. 56. ISBN 978-0-8118-4316-4.
  6. Safire, William (24 November 1991). "On Language; Manhandling the Handlers". The New York Times
  7. Wood, Gordon S. (2006). Revolutionary Characters. Penguin Press. p. 54. ISBN 978-1-59420-093-9.
  8. Mayo, Edith (1996). The Smithsonian Book of the First Ladies. H. Holt. p. 33. ISBN 978-0-8050-1751-9.
  9. "President Donald J. Trump and First Lady Melania Trump Welcome Governors to the White House". whitehouse.gov. Executive Office of the President. 26 February 2017. Retrieved 22 March 2017. Mrs. Trump added that, "the scents of jasmine and roses fill the air as we give thanks for this great Nation and the glory of renewa
  10. Greenslade, Roy (10 November 2016). "Madam President: how Newsweek reported a Clinton victory". The Guardian. ISSN 0261-3077. Retrieved 17 November 201