Cecilia Gyan Amoah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Cecilia Gyan Amoah
Member of the Ghana Parliament
for Asutifi South
Bere
7 January 2001 – 7 January 2005
OdikanfoCollins Dauda
AnanmusiniCollins Dauda
Ne ho asɛm
Awo bere26 October 1947 (1947-10-26) (age 76)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniDr. Philip Kofi Adjapong Amoah (deceased)
Mma3
N'adwumaTeacher, Politician

Cecilia Gyan Amoah a wɔn woo no wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu nsia wɔ afe apem aha nkron ne aduanan nson no mu (26th October 1947) a ɔyɛ Ghana panii a ɔhwɛ amanaman nkutahodie nnwuma (Diplomat) ne amanyɔnii (Politician) a ɔgyinaa hɔ ma Asutifi Anaafoɔ mpɛsuaso (Asutifi South Constituency) wɔ Ghana mmarahyɛ badwam firi mfeɛ mpem mmienu de kɔ sii mfeɛ mpem mmienu ne num no mu(2000 to 2005) .Ɔde ne dwumadie baa awieɛ akyirei no,ɔtuu mmireka kɔ faa n'akɔndwa dada, wɔ bɛɛbia na ne kunu a na w'anya ne baabi koroɔ no agyina dada, nanso w'antumi andi nkunim wɔ abatoɔ ɔsan too biom no.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔdii nkunim wɔ Asutifi Anaafoɔ Mpɛsuaso (Asutifi South Constituency) wɔ mfeɛ mpem mmienu 2000) mmerahyɛ badwam abatoɔ mmerɛ no mu wɔ amanyɔ kuo (NPP) (New Patroitic Party) tumi krataa (ticket) so.[1]

Ɔdii nkunim wɔ mmerahyɛ badwam nii a na ɔtesoɔ dada no so a ne din ne Owura Collins Dauda a na ɔgyina hɔ ma (NDC) (National Democratic Congress) amanyɔ kuo no.

Amoah yɛ mmerahyɛ badwam ni a na ɔgyina hɔ de ma Asutifi Anaafoɔ mpɛsuaso (Asutifi South Constituency) de firi Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛdikae mu wɔ mfei mpem mmienu ne baako no mu de bɛsii mfeɛ mpem mmienu ne num no mu (January 2001 to 2005).[2] Wayi nyinaa sii wɔ ne kunu wuo akyi wɔ mfeɛ mpem mmienu no mu(2000) ,a na ne kunu no adinkae agyina wɔ amanyɔ kuo koro no ara din mu wɔ saa mansini no ara mu . Ɔhweree ɛkuo no nkrataa tumi a ɛma no tumi sɛ ɔgyina bio wɔ amanyɔ kuo no abatoɔ a wɔn din nkae toɔ de yi wɔn a amanyɔ kuo no mu mpaninfoɔ pɛ sɛ wɔn de no kɔ gyina wɔ amanmu no nyinaa abatoɔ mmerɛ no (primaries)de maa Owura Thomas Broni a na ɔyɛ abae suafoɔ ma afisɛm asoeɛ abɛdiakyire wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) awieɛ no mu. Ɔno ne ɔbaa mmerahyɛ badwam ni wɔ (NPP) amanyɔkuo no mu a ɛdikae a wɔn too aba de tia no ma no hweree tumi deɛ krataa.

Ɔsanso someɛ sɛ Ghana man no ananmusini wɔ Ɔman Cuba mu (Ghana's Ambassador to Cuba), akyire no ɔbɛyɛ ɔpanin kɛseɛ a na ɔhwɛ amanaman nkutahodie ndwuma so wɔ Ɔman Barbados mu. Wɔ bosome Ayɛwohomumɔ mu no, ne da a ɛtoso aduasa mmiensa (13th June) no mu no Amoah sanso dii nkunim wɔ Asutifi Anaafoɔ Mpɛsuaso (Asutifi South constituency) abatoɔ no mu biom wɔ NPP(New Patriotic Party) amanyɔ kuo no abatoɔ a mpeninfoɔ a wɔn wɔ amanyɔ kuo no mu dinkae toɔ de yi wɔn a wɔn de wɔn bɛ gyina wɔ amanyɔ kuo no din wɔ Ɔman mu no nyinaa abatoɔ no mu(Primaries) wɔ nfei mpem mmienu ne dunsia(2016) abatoɔ no mu. Neɛ ɛsi ne sɛ,nipa baako bi a na ɔyɛ ɔno ara ne kunu a na w'awuo no abusua tenten nua (a distant cousin) antaa n'akyi wɔ mmerɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsan abɛgyina apre tumi wɔ saa mpɛsua no so biom no, maa no frɛɛ mmerahyɛ badwam ni a na ɔtesoɔ a na ɔno ne Owura Collins Dauda no sɛ obia ne ho yɛ hu(dangerous) . Na Amoah de soboɔ (accused) abɔ amanyɔkuo a wɔn nni abae mu (opposition party) no sɛ wɔn na ɔde nkahyɛ akwae bi so (intimidating tactics) wɔ berɛ a na w'agye to wɔn ho so sɛ wɔn na ɔsomaa mmɛrimma bi a ɔde nsɛm mmɔne (assaulted men) maa ɔkɔ taata (NPP) amanyɔkuo no nkorofoɔ a na ɔgyina w'ananmu.(Agents). Akyire no nsɛm mmɔne di foɔ bi a yɛn nnim wɔn kɔ to hyɛɛ Amoah ne afoforoɔ pii nso so maa ɔsɛesɛe dade pɔnkɔ (bysicles) a na ɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔn nhwɛ soɔ no.

Mfeɛ Mpem Mmienu Abatoɔ[sesa]

Yɛ too aba maa Amoah sɛ mmerahyɛ badwam ni maa Asutifi Anaafoɔ mpɛsuaso (Asutifi South constituency) wɔ Ghanafoɔ mfeɛ mpem mmienu(2000) abatoɔ no mu . Wɔn too aba maa no wɔ (NPP) New Patriotic Party tumi krataa so. Na ne mpɛsuaso no ka mmerahyɛ badwam nkundwa dunan (14) a (NPP) New Patroitic Party nyaa yɛ firii mmerahyɛ badwam nkundwa aduonu baako (21) a (NPP) New Patroitic Party dii so nkunim wɔ Bono ne Ahafo mamtan mu (Brong Ahafo Region). (NPP) amanyɔkuo nyaa mmerahyɛ badwam nkundwa dodoɔ a na ne nyinaa yɛ ɔha baako (100) de firii aha mmienu (200) wɔ Ghana mmerahyɛ badwa a ɛto so mmiɛnsa (3rd parliament) wɔ Ghana amambuo a ɛto so nan (4th Republic). Yɛ too aba yii no no ,dodoɔ a ɔnyaa yɛ wɔ mu no nyinaa yɛ mpem nwɔtwe aha mmienu ne aduonu (8,220) de firii mpem dunsia ne aduowɔtwe nkron (16,089) a ɛno ne abatoɔ no dodoɔ nyinaa. Na wayi yɛ ɔha nkyekyɛmu aduonum baako ne akyiripɔ nsia (51.6%) na ɛyɛ pɛ(equivalent) wɔ abatoɔ no dodoɔ a yɛ gye too mu sɛ ɛyɛ papa no (total valid vote cast). Yɛ too aba de yii no gyaa Owura Collins Dauda a na ofiri (NDC) National Democratic Congress, Alfred Osei Nkrumah a ɔfiri (NRP) National Reform Party, Alex Osei Amankwaa a na no nso firi (CPP) Convention Peoples Party, ɛne Kwabena Yeboah a ɔno nso firi (PNC) People's National Conv. Wayi nom nyaa mpem du nan aha mmiɛnsa aduonu nsia (14,326), aha mmiensa ne aduonum nkron (359), aha mmienu ne aduanan num (245), aha mmienu ne nson (207) ɛne aha mmienu (200) ne dodoɔ pɛpɛɛpɛ soɔ a obiara nyaa yɛ de firii abatoɔ no nyinaa dodoɔ a yɛ gye too mu sɛ ɛyɛ no mu. Wayi ne ɔha nkyekyɛ mu gyinapɛn a ɛyɛ pɛ, ɔha nkyekyɛ mu aduonu nson akyiri pɔ num (57.5%) ,ɔha nkyekyɛ mu aduasa nkron ne akyiri pɔ nson (39.7%), ɔha nkykyɛ mu baako ne akyiri pɔ hwee (1.0%) ,ɔha nkyekyɛ mu hwee ne akiri pɔ nsia (0.6%) ,ɔha nkyekyɛ mu hwee ne akyiri pɔ nsia (0.6%) ne pɛpɛɛpɛ soɔ a obiara nyaa yɛ wɔ abatoɔ a yɛ too yɛ neɛ yɛ gye too mu sɛ ɛyɛ no dodoɔ nyinaa

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Archive copy, archived from the original on 2022-01-30, retrieved 2022-01-30{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=65301