Ɔgyefuo

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Ogyefo)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔgyefuo(About this soundpronounciation of "Ɔgyefoɔ" ) yɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ afe mu.[1] Ɛwɔ nna aduonu nwɔtwe nanso ɛduru afe mfenhyia nnan biara a, ɛdane yɛ nnafua aduonu-nkron ma nna dodoɔ a ɛwɔ saa afe no yɛ ahaasa aduosia-nsia. Ɔgyefuo yɛ bosome a ɛda Ɔpɛpɔn ne Ɔbɛnem ntɛm wɔ Akanfoɔ bosome du-mmienu nu mu.[2]

Abakɔsɛm[sesa]

Ɔgyefuo yɛ edin a Akanfoɔ de frɛ bosome a ɛtɔso mmienu wɔ afe mu.[2] Ɔgyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ bosome a ɛsi wɔ afe mu. Akanfoɔ afe no gyina biribiara wɔ frɛ no adaduanan so a ɛkyerɛ bosome no ahyiaseɛ ne awieɛ. Akanfoɔ bosome nu yɛ soronko ne 'Gregorian Calendar' bosome no nanso esan awiem nsakraeɛ nti no Ogyefuo gyina hɔ ma February wɔ Brɔfo kasa mu.[3] Ogyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ nti ewiem tumi yɛ wesee ɛna awɔ ne ahuhuro nso tumi ba.[4] Wɔ Latin kasa mu no, Ɔgyefuo kyɛre sɛ dwira ho anaa te ho[5].

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu[sesa]

Gaana, bosome bia wɔ da soronko a wɔde kyerɛ biribiara a ɛfa Ɔman no ho. Wɔ Ɔgyefuo bosome mu, nkae nna bi ne: National Chocolate Day anaa Adɔfoɔ da 'valentines day' wɔ Brɔfo kasa mu; ɛyɛ a yɛ de kyerɛ ɔdɔ ɛdi. Saa da yi Gaanafoɔ tɔ chocolate ma wɔn adɔfuo, wɔ san nso de karma Cocoa mfasoɔ a ɛde berɛ ɔman nu.[6][7] Saa ɛda yi yɛ ɛda ɛtɔso du-nnan wɔ bosome no mu. Wɔ Ogyefuo bosome no mu na Krobɔfoɔ yɛ Dipo afahyɛ.[8]

Hwehwɛ pii ka ho[sesa]

Akan Calendar

Dipo

Chocolate day (Ghana)

Ɔpɛpɔn

Ɔbɛnem

Ɔpɛnimaa

Babia a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.pinterest.co.uk/pin/752101206515807178/
  2. 2.0 2.1 https://learnakan.com/months-in-twi/
  3. https://www.jstor.org/stable/1158712?seq=1
  4. Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-05-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.whats-your-sign.com/february-meaning-and-symbolism.html
  6. https://www.primenewsghana.com/general-news/ghana-celebrates-chocolate-day-as-rest-of-the-world-observes-valentine-s-day-today.html
  7. https://www.myjoyonline.com/ghana-chocolate-scarce-on-vals-day/
  8. https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html