Mpasua

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Mpesua)

Mpasoaabatoɔ mansini a wɔsane frɛ no mansini a yɛto aba, (About this soundpronounciation of "Mpasua" ) , abatoɔ asoeɛ yɛ aman mu nkyekyɛmu (ɔman,mantam ne beaɛ foforɔ) a wate ama obi bɛyɛ nnipa a ɔwɔ hɔ no ntamgyinafoɔ nkuro akɛseɛ no.Saa kuro no amamra a wayi no kyerɛ mansini biara ahyeɛ sɛ ebia ɛmu biara bɛnya ntamgyinafoɔ baako anaa deɛ ɛboro saa. Mpempii no,wɔn a wɔte mansini nom na wɔma wɔn kwan sɛ wɔnto aba wɔ hɔ. "First-past-the-post" so na wɔgyina yi Mansini ntamgyinafoɔ anaasɛ kwan foforɔ a wɔfa so to aba. Wɔbɛtumi ato aba ayi wɔn wɔ abatoɔ kwan so anaasɛ kwan foforɔ so.

Nsɛmfua a ɛwɔ mu[sesa]

Edin a yɛde to Mansini abatoɔ no sesa wɔ aman ahodoɔ ne mpesoa a wayi. Mpempii no wɔfrɛ edin mesoa sɛ abatoɔ mansini, ne titire ɛwɔ British English, nanso wɔbɛtumi de afrɛ wɔn a wɔwɔ ho kwan sɛ wɔto aba anaasɛ wɔn a wɔte saa borɔno no so anaa wɔn a wɔto maa anamusini bi. Edin (Abatoɔ) ɛna abatoɔ mansini yɛ na wɔ American English.

Wɔ Australia ne New Zealand, wɔfrɛ mansini a wɔto aba mpesoa, saa ara nso na baabi foforɔ nso wɔn a wɔto aba na wɔfrɛ wɔn mpesoasofoɔ.

Wɔ India no wɔfrɛ mansini a wɔto aba "Nirvācan Kṣetra" (Hindi: निर्वाचन क्षेत्र) wɔ Hindi, a wɔbɛtumi akyerɛ aseɛ wɔ borɔfo kasa sɛ "abatoɔ mpesoa " ɛwɔ sɛ borɔfo kasa ankasa no wɔfrɛ no "mpesoa". Wɔde edin "Nirvācan Kṣetra" di dwuma wɔ aberɛ a woreka biribi afa mpesoa bi ho a ɛmfa ne mmara ho. Sɛ worebɔ mpesoa pɔtee a wagye atom bi din a, wɔfrɛ no "Ksetra" a ne mmara din ka ho, wɔ Hindi(nhwɛsoɔ, 'Lok Sabha Kshetra' ma Lok Sabha mpesoa). Wɔfrɛ mansini a wɔto aba ma mansini adantam anaasɛ beaeɛ foforɔ no "wards".

Wɔ Canada, wɔfrɛ mansini wɔ borɔfo mu no wɔfrɛ no "ridings". Wɔ Canada fa baabi no, wɔde mpesoa gyina hɔ ma mansini ɛna "ridings".

Mansini a wɔto a a ɛyɛ akurase no ɛtɔ mmerɛ bi a wɔfrɛ no "wards", ɛyɛ edin a wɔsane de di dwuma wɔ mansini adantam nkyekyɛmu mu. Bio, wɔ Republic of Ireland no, wɔfrɛ mansini a wɔto aba "abatoɔ asoeɛ".

Aba a wɔnto no mpesoa so[sesa]

Ɛnnyɛ kabi mame nkabi amanyɔsɛm nyinaa na ebia de di ne dwuma wɔ ɛno ara mansini anaasɛ to aba no wɔ abatoɔ asoeɛ foforɔ.Israel too mmarahyɛbedwa abatoɔ sɛ mansini a ɛgyina ne ho so. Saa ara nso na abatoɔ mansini aduonu nsia a ɛwɔ Italy ne aduonu a ɛwɔ Netherlands wɔ dwumadie bi wɔ saa abatoɔ nom,nanso wɔnni dwumadie biara wɔ asoeɛ no nkyekyɛmu mu. Ukraine too aba yii Verkhovna Dada(Ukrainian mmarahyɛbedwa) fa wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.kyivpost.com/news/politics/detail/117151/