Mmara

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mmara yɛ nneɛma anaa nsunsuiɛ bi a yɛde bu atɛn a aban anaa nipakuo hwɛ sɛ ɛbɛyɛ adwuma ahwɛ suban ne nneyɛɛ ahodoɔ bi. [1] Mmara no yɛ adeɛ a ɛde trenee ba. Ɔman no mmara no, ekuo a ɛhwɛ mmara bɛtumi ahyehyɛ mmara no anaa baakofoɔ a ne tumi duru akyire bɛtumi ahyehyɛ mmara brɛ a yama no saa akonya firi atɛmmuafoɔ ne ɔmampanin.[2] Ankorankorɛ nso bɛtumi ayɛ mmara a ɛbɛtumi asɔ ɔhaw ano mmom ɔhwɛ asɛmdibea rehwehwɛ. Sɛ yɛreyɛ mmara a mmara bi na yɛde hwɛ yɛ.[3] Mmara no tenetene amanyɔsɛm, asetena mu hyehyeɛ, abakwasɛm ne ɔman no wɔ akwan ahodoɔ so sane yɛ ntamginafoɔ ma amanfoɔ asetena mu.

Lustitia ɔbaa a ɔya tɛmmuafoɔ yɛ ahyɛnsodeɛ ma asɛnnie: afena a ɛgyina hɔ ma Ɔman no tumi, nsusudua a ɛgina hɔ ma atɛntrenee.[4]

Amammara hyehyeɛ a ɛhwɛ ma mmara no yɛ adwuma. Nkuro mmara tɛnmuafoɔ a ɔyɛ mmara anaa nipakuo bi a hwɛ hyehye mmara. Wɔ mmara nkumaa hyehyeɛ, atɛnmuafoɔ bɛtumi ayɛ mmara bi afiri biribi a asi pɛn mu mmom Ɔman no asɛnnibea kɛseɛ bɛtumi atwa mu. Abakwasɛm mu, ɛsom ahodoɔ anya nsonsuansoɔ wɔ nsɛm pii so wɔ nnɛ mmerɛ yi mu, yɛda so de yɛ adwuma wɔ Ɔman a Nyamesom wɔ mus. Sharia mmara ɛyɛ Islamikfoɔ nsusuiɛ no yɛ adwuma sɛ mmara no mfiteaseɛ wɔ aman ahodoɔ bi te sɛ, Iran ne Saudi Arabia.[5]

Abakwasɛm[sesa]

Abakwasɛm a ɛfa mmara ho fa sɛdeɛ Ɔman no si nyini ntɛmntɛm. Tete Mmiremfoɔ mmara, hyɛɛ aseɛ firii 3000 BC, na ɛgyina Ma'at so a na Nananom, ano totoɔ ne ɔman no sɛdeɛ ɛteɛ.[6] Afe 22nd century BC mu no, tete Sumeriafoɔ ɔtɛnmuafoɔ Ur-Nammu na ɛyɛ mmara a ɛdi kan, a nsɛmfua wei wɔ mu ("if … then ..."). Wɔ afe1760 BC, Ɔhene Hammurabi nso tua so yɛɛ developed Babylonfoɔ mmara, brɛ a ɛtwerɛ guu aboɔ apono. Hammurabi de ne mmara no pii kɔɔ Babylon mmae nyinaa maa Ɔman no no hunuiɛ ; wei bɛyɛɛ sɛ Hammurabi nwoma. Mmara no deɛ edi mu pa ara no ɔnyaa no afe 19th century, Britishfoɔ na ɔhunuiɛ nti ɔkyerɛɛ aseɛ kɔɔ borɔfo kasa Itali kasa, German kasa ne French.

Tete afe 1280 BC mu na ɔyɛɛ hoo biribiara wieeɛ man aman hyɛɛ aseɛ de yɛɛ adwuma.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-ReferenceB-2
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-jpgibbs-4
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-akers-5
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-akers-5
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-13
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Law#cite_note-56