Daniel Okyem Aboagye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Daniel Okyem Aboagye
Member of the Ghana Parliament
for Bantama Constituency
OdikanfoHenry Kwabena Kokofu
AnanmusiniFrancis Asenso-Boakye
Ɛdɔm keseɛYes
Ne ho asɛm
Awo bere(1973-12-31)31 December 1973
Atwima Boko, Ghana
Owu bere23 September 2023(2023-09-23) (aged 49)
Kumasi, Ashanti Region, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔTroy University

Daniel Okyem Aboagye (Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduasa-baako, afe Apem, Ahankron ne Aduɔson -mmiɛnsa (1973 ) Ɛbɔ da a ɛtɔ so aduonu-mmeɛnsa, mfeɛ Mpem Mmienu ne aduano-mmiensa -2023) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni. Ɔgyinaa Bantama Mansin ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) tekiti so [1][2]

Abrabɔ ahyaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Aboagye wɔ Atwima Boko mu wɔ Asante Mantam mu, Ghana wɔ (Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduasa-baako, afe Apem, Ahankron ne Aduɔson -mmeɛnsa (1973).[3][4]

Aboagye suaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa bachelor’s degree wɔ (Business Administration) mu. Owiee sukuu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne mmienu (2002) mu a na ɔwɔ (MBA)ne( MIS )wɔ Akontaabu mu wɔ Troy Sukuupɔn, Alabama, U.S.A. Okyem Aboagye nyaa adansedie wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Mmeɛnsa ( 2003) mu sɛ ɔman akontabufoɔ wɔ (Certified Public Accountant of USA).[3][4]

Adwumayɛ[sesa]

Aboagye hyɛɛ n’adwuma ase sɛ SINAPI ABA TRUST sikakorabea sohwɛfo wɔ afe Apem , Ahankron ne Aduɔkron-nwɔtwe(1998). Akyire yi, ɔbɛyɛɛ (Opportunity International) adwuma sohwɛfo wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Mmeɛnsa (2003)– mfeɛ Mpem Mmienu ne Nsia (2006). Okyem Aboagye bɛyɛɛ (Globe Union ) sikasɛm sohwɛfoɔ wɔ U.S. ne MGI Microfinance baanodani wɔ afe (2008–2012 )mu. Na ɔyɛ ( 2M Express Transport Services) no kwankyerɛfo panin.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 2015 mu no ɔsii akan na odii nkonim wɔ NPP mmarahyɛbadwa primaries mu maa Bantama (Ghana mmarahyɛ bagua mantam) wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkonim wɔ saa mmarahyɛbadwa atenaeɛ yi mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu.[3] Wɔ June 2020 mu no, ɔdii nkoguo wɔ mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ ɔbɛgyina New Patriotic Party ananmu no akyi berɛ a ɔdii nkoguo wɔ primaries mu wɔ Francis Asenso-Boakye a seesei ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Bantama (Ghana parliament constituency).[6]

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Aboagye yɛɛ Sikasɛm ne Sikasɛm abadwakuo no mu ni wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni. Aboagye waree a ɔwɔ mma.[3][4]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Aboagye wui wɔ Komfo Anokye Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea wɔ ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa wɔ afe mpem mmieniu ne aduonu mmiensa (2023) mu, bere a na wadi mfe 49.[7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Home-grown solutions can be adopted to save Cedi free fall - Former Bantama MP - MyJoyOnline.com (in American English), 2022-03-17, retrieved 2023-10-02
  2. Ras Mubarak, Okyem Aboagye clash over scrapping of MPs Common Fund - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-06-17, retrieved 2023-10-02
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 4.2 5 things to know about the late Okyem Aboagye, MP for Bantama (in English), 2023-09-23, retrieved 2023-10-03
  5. Former Bantama MP, Okyem Aboagye dead - MyJoyOnline.com (in American English), 2023-09-23, retrieved 2023-10-03
  6. #NPPDecides: Asenso-Boakye floors Okyem Aboagye to win Bantama primary (in American English), 2020-06-20, retrieved 2023-10-03
  7. Former Bantama MP Okyem Aboagye dead (in American English), 2023-09-23, retrieved 2023-10-03