Henry Kwabena Kokofu

Ɛfi Wikipedia
Hon.

Henry Kwabena Kokofu
Awo bere5 October 1960 ( age 62)
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaMember of Parliament
Years active7 January 2013 - 6 January 2017
PredecessorCecilia Abena Dapaah
SuccessorDaniel Okyem Aboage
Political partyNew Patriotic Party

Henry Kwabena Kokofu (wɔwoo no 5 Ahinime 1960) yɛ Ghana amammuifoɔ na na ɔyɛ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan Mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia no muni a ɔgyinaa Bantama Mansin ananmu wɔ BantamaNew Patriotic Party no tekiti so. [1][2][3]

Abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Kokofu yɛ christo ni. Woa ware. [4][5]


Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne adesua[sesa]

Wɔwoo Kokofu wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so num wɔ afe 1960. Ɔfiri Adiebeba-Kumasi, kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so na onyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Natural Resource Management mu wɔ afe 1971. Wɔ afe 2007 mu no, onyaa Master of Science abodin krataa wɔ Agroforestry mu wɔ saa sukuupɔn koro no ara mu. Ɔsan nso kɔɔ Ghana School of Law na onyaa ne Bachelor of Laws abodin krataa wɔ mmara mu.[6] [7]Ɔyɛ Kumasi ntoaso sukuu sukuuni dedaw.[8]


Mmrahyɛbadwa mu nsɛm[sesa]

Kokofu yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔde NPP mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so sii akan wɔ Bantama (Ghana mmarahyɛ bagua mantam) nkongua no so na odii nkonim.[9] [10]Wɔ abatoɔ no mu no ɔnyaa abatoɔ 49,054, a ɛyɛ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 83.26%, na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a wɔn mu bi ne Samuel Yaw Adusei, Benjamin Owusu-Achaw, Jerry F. Akonnor, Nana Kwasi Abayie, Regina Serwaa Adjei ne Samuel Appiah so nkonim .[11]Wansi akan wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu; mmom no, Daniel Okyem Aboagye gyinaa New Patriotic Party ananmu na odii nkonim. Ɛno nti, Kokofu yɛɛ mmarahyɛ baguani maa Bantama (Ghana Ghana Mmrahyɛbadwa no mantam) kɔsii 6 Ɔbɛnem2017.[12]

Bɛbia mmoa efiri[sesa]

  1. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  2. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  3. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  4. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  5. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  6. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  7. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  8. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  9. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  10. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  11. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02
  12. "Henry Kwabena Kokofu", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-02