Kumase

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kumase

Ɔman Gaana
Mpɔtɛm 254 km²
Nnipa dodoɔ 3 348 000 ab. (2020)

Kumase: (Oseikrom) yɛ Ghana kuro kɛseɛ a ɛso sene Ghana nkuro nyinaa gyesɛ Nkran. Nnipa a ɛwɔ Kumase bɛyɛ ɔpepepem mmuebsa (3,000,000).

Abakɔsɛm A ɛwɔ Kumasi[sesa]

Kumase abakɔsɛm firi Asantehene Nana Osei Tutu a ɔdi Kan berɛ so. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ɛnam Nana Osei Tutu adamfo bi a wɔferɛ no Anokye so na, Kumaseman yɛɛ kɛse. Wɔkyerɛɛ sɛɛ Kɔmfo Anokye duaa nnua mmienu wɔ baabi a ɛnɛ yi yɛferɛ no Kumase yi ɛne baabi a na wɔfrɛ no Kumawu. Dua no a woduaa no Kumawu no wuiɛ maa ɛkaa Kumase dua no. Ɛno na ɛboa maa Kumase bɛyɛɛ Asanteman kuro kɛseɛ ne wɔn ahenkuro.

Ɛyɛ Asantefoɔ kuro kɛseɛ a ɛhɔ na Asantehene, Otumfuoɔ Osei Tutu (ɔte kɔkɔɔ soɔ ) a ɔtɔ so mmienu ahemfie wɔ. Ɛwɔ edwa kɛseɛ a adwadifoɔ ɛfiri atifi, anaafoɔ, apueɛ ne atɔeɛ nyinaa bɛdi dwa dabiara. Asanteman afahyɛ kɛse pa ara be Akwasidae.

Asantehene: Asantehene a, ɔte Sikadwa Kɔkɔɔ so, ɛbɛyɛ mfie edu nie na obɛdii ne wɔfa, Otumfuoɔ Opoku Ware a ɔtɔ so mmienu adeɛ. Asanteman dɔ wɔn ahemfo de ɛbuo ma wɔn nyinaa sɛdeɛ ɛsɛ wɔ ]Ghanafoɔ ahemfo nyinaa mu.

Nwomasua[sesa]

Adesua:Adesua anaa sɛ nwoma sua mu no, sɛ woyi Nkran firi hɔ a, kuro biara nni Ghana a ɛwɔ sukuu pii sene Kumase. Sukuupɔn ahodoɔ bebree na ɛwɔ hɔ. Emu atitire bi ne Kwame Nkrumah Suapɔn (Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST).Edin a nkorɔfoɔ tae de frɛ KNUST no ye Tek. Asukuufoɔ a esua adeɛ wɔ KNUST bɛyɛ mpem du num (15,000). Ghanaman man panin a ɔde, Osagyefo Dr. Kwame Nkrumah berɛ so na wɔ sii sukuu kɛseɛ yi. Saa sukuu pɔn yi aterɛ ama sukuu nketewaa bebree nso hyehye mu. Ebi ne School of Medical Sciences, School of Engineering ne School of Agriculture.

Sukuu akɛseɛ bi nsoso ne sukuupɔn a ɛde University of Education, Kumasi Campus, ɛne mmiensa bi a ennye aban dea te sɛ KNUST. Ene Christian Service University College (CSUC), Ghana Baptist University ɛne Garden City University ewɔ Kumase nkwantia kuro bi a yɛfrɛ no Ankaase. Kumasi Polytechnic ɛne tikyafoɔ (akyerɛkyerɛfoɔ) sukuu mmienu nso a yɛfrɛ wɔn Wesley College of Education ɛne St. Louis College of Education ewɔ hɔ. Eyinom akyi no Mpanimfoɔ Nkɔ Animu Sukuu bebree nso so wɔ hɔ. Ebi ne Prempeh College, Opoku Ware, Ahmadiya ne Yaa Asantewaa.

Ayaresabea[sesa]

Ayaresabea: Kumase nso wɔ ayaresabea ahodoɔ a emu kɛseɛ no ne Ɔkɔmfo Anokye Ayaresabea. (KATH). Saa ayeresabea yi nso yɛ Kwame Nkrumah Suapɔn nkorabata a wɔde tete Adɔkotafoɔ Komfo Anokye Ayaresabea akyi no, ayaresabea nketewa bebree nso so wɔ Kumase mpatamu nso so a ɛboa hwɛ Yareɛ ahodoɔ pii.

Agodie[sesa]

Agodie: bɔɔl ne agorɔ titire a ɛwɔ Kumasi ne ne mpatamu. Agodie ɛkuo baako a agye din yie ne Kumase Asante Kotoko. Wɔn adi kan wɔ akansie bebree wɔ Ghana ne amanano nyinaa. Wɔn mmrane ne "Asante Kotokɔ, wokum apem a apem bɛba" Akansie bɔɔl kuo baako a wɔn taa ne Kotoko hyia mu ɛne Nkran Haats a ɛwɔ Nkran.

Daniella Damptey (talk) 01:07, 6 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey