Sunyani

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Sunyani (About this soundpronunciation of"Sunyani")  yɛ kurow a n'ahenkuro ne Sunyani Municipal [1]ne Bono Mantamu[2] a ɛwɔ Ghana mu. Bere a wɔkan nnipa ne agyapadeɛ wɔ afe 2010 wɔ Ghana no, na nnipa a wɔwɔ Sunyani yɛ 74,240. Nnipa a wɔwɔ kurow no mu dodoɔ no ara yɛ Bonofoɔ.[3]

Abakɔsɛm[sesa]

Sunyani yɛ kurow a kwae atwa ho ahyia wɔ ɔman Ghana atɔe famu. Tete no, na wonim Sunyani sɛ beae a abɔmmɔfoɔ a wokum asono taa bɔ nsraban. Wonyaa kurow no din firii Akan asɛmfua 'Ɔsono' mu. [4]Wɔ afe 1924 mu no, aban a na ɛwɔ so saa bere no a na wɔyɛ aborɔfo no yɛɛ Sunyani ɔmansini dwumadibea kɛseɛ. [5]Sunyani bɛyɛɛ beae a wotu kookoo, bese ne nduane bi te sɛ aburo ne bayirɛ bere a wɔyɛɛ kwan a efiri Kumase rekɔ Sunyani no.[5] Ɛnnɛ, Sunyani na Bono-Ahafo mantam aban ne asɛnniibea kɛseɛ no nyinara wɔ. ɛwɔmu sɛ wode Sunyani toto Kumase ho a Sunyani sua, nanso kurow no gu so ara reyɛ kɛse na atrɛw adu Fiapre ne Abesim. Sunyani yɛ kurow a emu te a wɔn esiesie no yie na ne dwadie mu nsɛm nso gu rekɔ n'anim.[5]

Sikasɛm[sesa]

Sunyani sikasɛm mu fa kɛseɛ no ara firi kuayɔ mu esiane sɛ ɔmanfoɔ no mu bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nnwɔtwe(48%) de wɔn ho hyɛ kuayɔ mu.Nnipa no mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nnan(24%) yɛ aban nnwuma ahodoɔ, wɔn mu ɔha mu nkyekyɛmu du nnum(15%) de wɔn ho hyɛ adwadie akɛseɛ mu ɛnna emu ɔha mu nkyekyɛmu du mmiɛnsa(13%) yɛ adwuma wɔ nnwumakuo akɛseɛ mu.[5]Mmea ne wɔn a wonni nnwuma ahoroɔ mu nimdeɛ pii de wɔn ho hyɛ adwadie a ɛkɔ so Wukuada biara no mu. Sunyani mpuntuo no mu fa kɛseɛ no ara gyina nsuo papa a wonya wɔ kuro no mu. Wonnya wɔn anyinam ahoɔden firi Volta Region Authority (VRA).[5] Wonya nsuo firi nsubɔten ahoroɔ ne Osuo a ɛtɔ mu nanso nsuo ho taa yɛ den wɔ ɔpɛ berɛ mu.

Infidiedwuma

Mprenpren, Sunyani ne beaɛ baako a ɛka Atifi fam ho a African Global Limited (AGP) nkorabata akɛseɛ no wɔ wɔ ɔman Ghana mu. Eyi yɛ adwumakuo a ɛyɛ nnuro a wɔn ase firi adwumakuo AGP Canada. Wɔn dwumadibea ti wɔ Toronto, Ontario, Canada a wɔyɛ nnuro.Adwumakuo a etu famu agudie a ɛwɔ nkorabata wɔ aman ahodoɔ so a ne din d kke Newmont no fa a ɛbɛn Sunyani kuro Kenyase no kɔ so hyɛ kuro no sikasɛm ne ne mpuntuo mu kena.

Sikakorabea[sesa]

Sunyani wɔ sikakorabea ahodoɔ pii nkorabata. Sikakorabea ahodoɔ yi bi ne Bank of Ghana, Ghana Commercial Bank, Barclays Bank, SG-SSB Bank, OmniBank, Zenith Bank, Agricultural Development Bank of Ghana, Stanbic Bank, Ecobank Ghana ne National Investment Bank. Sikakorabea nkumaa ahodoɔ nsia, 'credit union' ahodoɔ ne nsiakyibaa nnwumakuo ahodoɔ ka saa sikakorabea akɛseɛ nkorabata yi ho ma ekurow no mufo sika ho nsam kɔ yie.[5]

Nikitahodie

Sunyani kurow yɛ kurow bi a yɛde nnɛyi nkitahodie mfiedie asiesie no yiye a mfiedie bi te sɛ telefon a esi faako ne nkrasɛm Nhoma, abɔten so telefon, telefon a wokura kyin, intanet ne e-mail nyinaa ka ho. Nea ɛka ho: nkrataa mena ho dwumadie nso bi wɔ hɔ a ɛyɛ posɔfese, ne nkrataa kyerɛw a akɔ anim a nnwumakuo a ɛde baeɛ no bi ne EmS ( Express mail service) DHL ne FedEX.[5]

Nsrahwɛ

Nsrahwɛ wɔ Sunyani gyina nyame abɔdeɛ a etwa kurow no ho ahyia.[5] Bɛyɛ 3-star ahɔhodan mmiɛnsa ne nnɛyi ahɔhodan bɛyɛ du num ne ahɔhodan a ɛwɔ soro, ne ahɔhofie ne adidibea nso wohu bi wɔ kurow yi mu.[5] Kurow yi mu nnoɔma a ɛtwetwe nnipa bi ne kooko fie, abansoro tenten a agye kurow no afa, adan, Bono mantam adwumakuw no adwumayɛbea ti, beaeɛ bebree a wɔtɔtɔn afadeɛ afɛɛfɛ. Adan ahorow a ɛyɛ anika wɔ Sunyani bi ne, Christ the King Cathedral, [6]ne Queen of peace dan, Knight of St. John fie. Bio, Kintampo nsu aworoeɛ ne Boabeng asoroboa fie a ɛwɔ Fiema, ɛyɛ kwantia a ɛda kurow no akyi.[5]

Apɔmuden

Sunyani wɔ ayaresabea mmiɛnsa, baako a ɛyɛ Sunyani Mantam ayaresabea yɛ ɔman nkosoɔ dwumadie a wɔbue ano wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu. Ayaresabea nwɔtwe ne baabi a wɔhwɛ apemfoɔ nso mmiɛnsa di dwuma wɔ kurow yi mu. Wobɛhunu ayaresabea bebree nso wɔ kurow yi mu.

Akwantuo

Sunyani wimhyɛn gyinabea som Sunyani kurow no a adi dwuma nkakrankakra wɔ kurow no mu a wɔbue ano wɔ Kitawonsa bosome ne da ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduoson nan mu. Nanso, ɛnam ɔkwan tenten ho nsɛmsɛm nti enye sɛ wimhyɛn a ɛso kakra no bɛdi dwuma wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ na mpen pii no Sunyani wimhyɛn gyinabea fa akwantufoɔ kɔ Kumase wimhyɛn gyinabea ne Takoradi wimhyɛn gyinabea. Baguam akwantuo bi ne ɔkwanso akwantuo a Metromassfoɔ de baeɛ, Vip ne Taxicab anaa Trotro. Baguam akwantuo no bi nso firi Sunyani kɔ nkurow akɛseɛ bi te sɛ Accra, Kumasi, Mim, Ahafo, Cape Coast, Takoradi, Tamale; Tema; Ho; Wa; Bolgatanga; Elubo; Aflao; Techiman.

Nwomasua

Sunyani kurow yɛ fie ma nhomasua a akɔ akyiri beberee wɔ yɛn man Gaana mu, deɛ ɛka ho bi ne Sunyani Technical University a ɛyɛ kane Sunyani Polytechnic, University of Energy and Natural Resources a ɛwɔ Fiapre a ɛbɛn kane Sunyani Kwame Nkrumah University of Science and Technology - Agric school, Catholic University College of Ghana a ɛwɔ Fiapre ne College of Science, Arts and Education a ɛwɔ Penkwase - Law school. Sukuu akɛseɛ ahodow bi nso ne University of Cape Coast, ne Kwame Nkrumah University of Science and Technology - KNUST a wɔkura mmere kumaa ne mmere tenten adesua wɔ Sunyani.[7]

Sunyani wɔ ntoasoɔ sukuu bebere a St. James Seminary a woyi asukuu num a wɔnim adeɛ wɔ Gaana a wɔka ho bie no nso ka ho.[7] Ebi nso ne Sunyani Business Senior High School, Sunyani Secondary School, a ɛtwetwe asukuufoɔ beberee firi Brong - Ahafo mantam ne nkurow a ɛwɔ akyiri ba, ntoasoɔ sukuu a agye din yiye pa ara ( Susec - a wagye abasobɔdeɛ wɔ WASSCE nsɔhwɛ twerɛ mu firi 2011 ).

Mfitiaseɛ sukuu, ntoasoɔ ne nsanodwuma sukuu pii na wobɛhunu wɔ Sunyani ne nkurow a ɛbɛn no, ebi ne, St. Mary's; Lawrence Demonstration; Wesley's; Divine Montessori; Ridge Primary; Twene Amanfo Secondary Technical school ( TASTECH ); Sunyani Business Senior High School; Notre Dame High School ( Ghana ) ne Don Bosco Vocational Technical Institute.[7]

Abasobɔdeɛ

Sunyani nyaa abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu sɛ kurow a ɛmu teɛ yiye.[8]

Kuro a ɛbɛn no[sesa]

Sunyani ne Techiman a ɛbɛn no kaa wɔn ho boo yɛɛ adeɛ a seisei ara ɛne wɔn wɔ anuanom ayɔnkofa wɔ wɔntam.[9]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Sunyani Central Rotary Club commissions 4-unit classroom block, office at Yawhima School - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 17 May 2021
  2. "Sunyani: 14-year-old final year JHS student found dead in suspected suicide". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana. 18 May 2021. Retrieved 18 May 2021.
  3. World Gazetteer online". World-gazetteer.com. Archived from the original on 30 September 2007.
  4. Touring Brong Ahafo Region Archived 17 May 2012 at the Wayback Machine
  5. 5.00 5.01 5.02 5.03 5.04 5.05 5.06 5.07 5.08 5.09 Touring Brong Ahafo Region Archived 17 May 2012 at the Wayback Machine
  6. The Best Catholic Churches in Brong Ahafo Region, Ghana Rated By Past Visitors". The Catholic Directory. Retrieved 24 May 2020
  7. 7.0 7.1 7.2 Schools in Sunyani Archived 25 March 2012 at the Wayback Machine
  8. Sunyani, cleanest
  9. "Tuscaloosa Sister Cities International". Tuscaloosa Sister Cities Commission. Retrieved 26 August 2011